Asɛnka Akontaabu a Wɔmfa Mma Ntɛm—So Ɛyɛ Asɛnnennen Ma Wo?
1 Ɛmfa ho nna a edi akyiri yi mu haw ahorow no, wɔahyɛ no nsow sɛ adawurubɔfo dodow no ara de wɔn asɛnka akontaabu ba ntɛm ɔsram awiei biara. Saafo yi fata nkamfo. Nanso, yɛn mu bɛyɛ 4,000 na ɔsram biara wɔmfa wɔn akontaabu mma ntɛm. So wohwɛ de w’akontaabu ba ntɛm ɔsram biara?
2 Asomafo no Nhwɛso: Yesu Kristo akyidifo a wodi kan no ani gyee ho sɛ wɔde wɔn asɛnka adwuma no nkɔso ho amanneɛbɔ bɛma. (Marko 6:30) Bere a adwuma no nyaa nkɔso no, wobuu ho akontaa yɛɛ osuahu ahorow a ɛda nsow ho kyerɛwtohɔ. (Aso. 1:15; 2:41; 6:7; 4:4) Hwɛ nkuranhyɛ pa ara a ɛbɛyɛ sɛ saa amanneɛbɔ yi de brɛɛ afeha a edi kan Kristofo no!
3 Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wode W’akontaabu Ma Ntɛm? Akontaabu a yɛde ba ntɛm no di atirimpɔw titiriw bi ho dwuma. Akontaabu yi boa asafo mu mpanyimfo, baa dwumadibea no, ne ahyehyɛde no nyinaa ma wodi nkɔso a ɛreba adwuma no mu wɔ wiase nyinaa ho dwuma. Ɛkyerɛ baabi a yɛrebɔ mmɔden ne baabi a yebetumi atu mpɔn. Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi ayɛ eyi no, ehia sɛ yɛde yɛn akontaabu ma ntɛm!
4 Dɛn na Yebetumi Ayɛ? Ɛsɛ sɛ asafo nhoma adesua sohwɛfo no yɛ adwumaden de hwɛ hu sɛ ɔkyerɛwfo no nsa aka akontaabu no nyinaa ɔsram no akyi bere tiaa bi. Obetumi de akontaabu ho nkaebɔ ama wɔ nhoma adesua a etwa to wɔ ɔsram biara mu no ase. Ɛsɛ sɛ asafo mu akyerɛwfo hyehyɛ akontaabu no ntɛm na ama wɔahu nea ɛmmae biara na wɔahwɛ de aka dodow a wɔde kɔ baa dwumadibea no ho ansa na ɔsram a edi hɔ no da a ɛto so 6 adu. Enti sɛ adawurubɔfo nyinaa de wɔn akontaabu ma ntɛm, na sɛ ɔkyerɛwfo no hyehyɛ no amonom hɔ ara a, yebenya kyerɛwtohɔ a edi mu ɔsram biara.
5 Su a Ɛsɛ sɛ Yɛda no Adi: Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo biara hu asɛyɛde a n’ankasa wɔ sɛ ɔde asɛnka akontaabu bɛba ntɛm ɔsram biara no. (Luka 9:10a) Sɛ yɛde yɛ yɛn su sɛ yɛde yɛn akontaabu bɛma ntɛm a, yebetumi anya yɛn asɛnka adwuma ho akontaabu a edi mu kɛse. Enti, momma yɛn nyinaa mfa saa kwan yi so nkyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma Yehowa ahyehyɛde no nhyehyɛe.—Mat. 24:45-47.