Anisɔ a Yebenya Wɔ Onyankopɔn Mmɔborohunu Ho
1 Ansa na ɔsomafo Paulo rebɛyɛ Kristoni no, na ɔsɔre tia Kristosom denneennen. Nanso, esiane sɛ na onnim na ɔyɛɛ saa nti, wohuu no mmɔbɔ. Yehowa daa ɔdom adi, na ɔde asɛnka adwuma hyɛɛ Paulo nsa. Ná saa adwuma no som bo ma Paulo. (Aso. 26:9-18; 1 Tim. 1:12-14) Yehowa mmɔborohunu ho anisɔ a Paulo kyerɛe no kanyan no ma ɔde ne ho bɔɔ afɔre yɛɛ ne som adwuma no.—2 Kor. 12:15.
2 Onyankopɔn nam ne mmɔborɔhunu so de ɔsom adwuma no ama yɛn nso. (2 Kor. 4:1) Te sɛ Paulo no, yebetumi akyerɛ mmɔborohunu a wɔayi adi akyerɛ yɛn no ho anisɔ denam yere a yɛbɛyere yɛn ho aboa afoforo ma wɔanya honhom fam nkɔso no so. Ɔkwan biako a yebetumi afa so ayɛ eyi ne sɛ yebefi Bible adesua ahorow ase na yɛakɔ so ayɛ.
3 Bible Adesua Ahorow Ase a Yebefi: Ɔkwan a yɛbɛfa so afi Bible adesua ase ne sɛ yebenya wɔn a yɛma wɔn nsɛmma nhoma daa. Bere a yɛkɔ so sra wɔn a yɛma wɔn nsɛmma nhoma daa no, yebehu nneɛma a ɛhaw wɔn no yiye. Bere kɔ so no, yebetumi agyina asɛm bi a ɛwɔ nsɛmma nhoma no biako mu so ne wɔn ahyehyɛ Bible adesua wɔ Ahwehwɛde nhomawa no mu. Wɔ nsrahwɛ a edidi hɔ mu no, ebia yebetumi atoa nkɔmmɔbɔ no so wɔ Ahwehwɛde nhomawa no mu bere a yɛde nsɛmma nhoma rema ofiewura no.
4 Mpaebɔ ne Nsiyɛ Ho Hia: Mpaebɔ ne nsiyɛ betumi ama yɛatu mpɔn wɔ asɛnka adwuma no mu. Onuawa kwampaefo bi a na ɔwɔ Bible adesua biako no bɔɔ mpae sɛ Yehowa mma onnya pii nka ho. Ɔyɛɛ ne mpaebɔ no ho ade nso. Ɔyɛɛ ne som adwuma mu nhwehwɛmu hui sɛ ɔnka Bible adesua ho asɛm bere a ɔreyɛ sankɔhwɛ no. Ofii ase yɛɛ saa na ankyɛ na onyaa Bible asuafo abien kaa nea ɔwɔ no ho.
5 Hwɛ hokwan ara a yɛanya sɛ yenya “Nyankopɔn dom asɛmpa” a wɔma wohu no mu kyɛfa! (Aso. 20:24) Ɛmmra sɛ Onyankopɔn mmɔborohunu ho anisɔ a yɛwɔ no bɛkanyan yɛn ma yɛde nsiyɛ aboa afoforo ma wɔanya Yehowa dom so mfaso.