Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma July ne August: Mubetumi de nhomawa a ekura nkratafa 32 a edidi so yi mu biara ama: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?, Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!, “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo,” So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, The Divine Name That Will Endure Forever, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So?, Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?, ne Bere a Obi a Wodɔ No Awu. September: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? October: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Baabi a wɔbɛkyerɛ anigye no, fa Ahwehwɛde nhomawa ma, na bɔ mmɔden fi Bible adesua ahorow ase.
◼ Efi September no, amansin so ahwɛfo bɛma baguam kasa a n’asɛmti ne “Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wusuro Nokware Nyankopɔn No?”
◼ Betel Nsrahwɛ: Esiane ntrɛwmu adwuma a ɛrekɔ so wɔ Betel mprempren nti, wontumi mfa afoforo nkɔ mmeae a ɛsɛ sɛ wɔde wɔn kɔ nyinaa. Enti mprempren no, mmeae kakraa bi pɛ na wobetumi ama afoforo akɔhwɛ hɔ kosi sɛ wobewie ɔdansi adwuma no koraa ansa.
◼ Asafo mu ɔkyerɛwfo no bɛhyehyɛ ɔsom akontaabu no nyinaa wɔ Asafo Dwumadi Mu Nhwehwɛmu Ho Amanneɛbɔ kratasin (S-10) no so. Ɔde boasetɔ nso bɛkyerɛkyerɛ ɔpanyin anaa asafo mu somfo biara a ebia ɔbɛboa no ma wɔahyehyɛ akontaabu no. Eyi bɛma wɔahyehyɛ nsɛm a wohia fi “Congregation’s Publisher Record” nkratasin (S-21) so no pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ Asafo Dwumadi Mu Nhwehwɛmu Ho Amanneɛbɔ kratasin (S-10) no yiye fɛfɛɛfɛ na ɔsom boayikuw no hwɛ mu yiye na wɔde mena ansa na September 10 adu.
◼ Yɛpɛ sɛ yɛkae asafo ahorow nyinaa a wɔpɛ sɛ wɔkɔyɛ adwuma wɔ nsasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu no sɛ wɔnhyehyɛ wɔn asafo “Application For Unassigned Territory” (S-90) kratasin no mprempren.