Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
1 Bere a nsɛm ho amanneɛbɔfo ne wiase akyerɛkyerɛfo kamfo honam fam nneɛma no, Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘Yennya Yɛn Ho Nnwuma Pa Fam.’ (1 Tim. 6:18) Ɛno ne da koro nhyiam titiriw dwumadi a yebefi ase wɔ July 2003 mu no asɛmti. Nkuranhyɛsɛm bɛn na yebenya wɔ nhyiam yi ase?
2 Ɔmansin sohwɛfo no bɛka nea “Yɛn Ho a Yebenya Wɔ Onyankopɔn Fam” no kyerɛ ho asɛm, na wabisabisa ebinom a wɔreyere wɔn ho sɛ wobenya honhom fam ahode no nsɛm. Wɔ ɔkasa a edi kan a ɔkasafo a wɔahyɛ da apaw no bɛma da no mu mu no, ɔbɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn nkurɔfo reyɛ “Nnwuma Pa Wɔ Twabere Yi Mu.” Wɔbɛhyɛ yɛn mu biara nkuran ma yɛasusuw sɛnea yebetumi anya otwa adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa a yɛreyɛ nnɛ no mu kyɛfa kɛse no ho.
3 Hwɛ sɛnea yɛn ani gye bere a yehu sɛ Kristofo mmofra rehwehwɛ honhom fam ahode no! Eyi hyɛ Yehowa anuonyam na ɛboa mmofra ma wɔto nhyɛase pa a ɛbɛma wɔanya ɔsom mu hokwan ahorow daakye. Ɔfã a ɛne “Mmofra a Wɔkamfo Wɔn Wɔ Nnwuma a Wɔde Yi Yehowa Ayɛ Ho” no besi nnwuma pa a Kristofo mmofra reyɛ no so dua.
4 Dɛn na efi nnwuma pa a yɛyɛ no mu ba? Ɔkasafo a wɔahyɛ da apaw no no bɛka eyi ho asɛm wɔ ne kasa a etwa to a ɛne “Kɔ So Yɛ Nnwuma Pa na Nya Yehowa Nhyira” no mu. Ɔbɛka mmeae anan a yenya nhyira horow ho asɛm: (1) sɛ ankorankoro, (2) sɛ mmusua, (3) sɛ asafo, ne (4) sɛ wiase nyinaa ahyehyɛde.
5 Wɔn a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa no benya hokwan abɔ asu. Sɛ woasiesie wo ho sɛ wubetu saa anammɔn no a, ma ɔhwɛfo guamtrani no nhu ntɛm ara.
6 Sɛ wɔka da a mobɛyɛ nhyiam no wɔ mo mpɔtam hɔ kyerɛ a, yɛ ntɛm yɛ nhyehyɛe pɔtee a ɛbɛma woatumi akɔ bi. Bɔ mmɔden sɛ wubedu hɔ ntɛm na ama woanya dwom ne mpaebɔ a edi kan no mu kyɛfa. Da koro nhyiam titiriw no a yɛbɛkɔ na yɛatie dwumadi no nyinaa yiye no bɛhyɛ yɛn den ma yɛakɔ so afa ɔkwan a ɛma yɛyɛ adefo wɔ yɛn Nyankopɔn Yehowa fam ankasa no so.