Onyankopɔn Nyansa Kyɛn Biribiara
1 Ebinom adwene ne sɛ amanehunu a ɛwɔ wiase no na ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo hwɛ yɛ ho biribi. Wɔn a wɔka saa no nhu sɛ Bible nkyerɛkyerɛ a yɛyɛ no kyɛn adwuma biara. Ɛte sɛ nea ɔsomafo Paulo kae no: “Asɛndua no ho asɛm no yɛ nkwaseasɛm ma wɔn a wɔbɛyera, na ɛyɛ Onyankopɔn tumi ma yɛn a wobegye yɛn nkwa no.” (1 Kor. 1:18) Yɛn de, yegye di yiye paa sɛ asɛnka adwuma a Kristofo yɛ no kyɛn adwuma biara wɔ wiase nnɛ.
2 Ɛnnɛ Mpo Yɛwɔ Asetra Mu Gyinabea Pa: Nnipa bɔ mmɔden sɛ wɔde ahotɔ bɛba, nanso enkosi hwee. Amumɔyɛfo nsuro mmara, enti afei koraa na wɔredɔɔso. Amanfo tra ase yɛ adwene sɛ wobegyae ko ma asomdwoe aba, aman soma nnipa ma wɔkɔpata ntɔkwaw, nanso ne nyinaa nkosi hwee. Aban yɛ nneɛma pii sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya asetra pa, ne nyinaa akyi no, yɛda so te yɛn hia mu. (Dw. 146:3, 4; Yer. 8:9) Nanso Ahenni asɛmpa no asesã nnipa bebree ama wɔayɛ nnipa foforo koraa wɔ Nyankopɔn ani so. (Rom. 12:2; Kol. 3:9, 10) Ɛno nti, ɛnnɛ mpo wɔwɔ gyinabea pa wɔ asetra mu.—1 Tim. 4:8.
3 Daakye a Ahotɔ Wom: Onyankopɔn nyansa boa yɛn ma yɛfa wiase haw ne abɛbrɛsɛ yi mu; ɛsan nso ma yɛfa kwan pa so na asi yɛn yiye daakye. (Dw. 119:105) Ɛmma yɛnhaw yɛn ho sɛ yɛbɛsesã wiase yi mu nneɛma. (Ɔsɛnk. 1:15; Rom. 8:20) Yɛda Nyankopɔn ase paa sɛ yenni nneɛma hunu akyi wɔ yɛn abrabɔ mu! Mmom no, “ɔsoro foforo ne asase foforo” a trenee te mu a Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛba no, ɛno ho adwuma na yɛyɛ, na yenim yiye sɛ ɛbɛbam. Sɛ Yehowa atemmuda no ba a, ɛhɔ na obiara behu sɛ wɔn a wɔde Onyankopɔn nyansa yɛɛ adwuma no na ebesi wɔn yiye.—2 Pet. 3:10-13; Dw. 37:34.
4 Ɛwom sɛ Onyankopɔn nyansa yɛ nkwaseasɛm ma wɔn a wodi ‘wiase nyansa’ akyi fee no de, nanso nokwasɛm ne sɛ, ɛno ara ne nyansakwan a ɛsɛ sɛ obiara fa so. (1 Kor. 1:21; 2:6-8) Enti yɛn de, yɛka Onyankopɔn asɛm no wɔ wiase baabiara, efisɛ ɔno ne “Onyankopɔn koro no.”—Rom. 16:27.