Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma January: Nhoma biara a wotintimii ansa na afe 1988 reba a ebia mo asafo no wɔ bi. Sɛ munni eyi mu biara a, yɛsrɛ sɛ monhwɛ sɛ asafo ahorow a ɛbemmɛn no wɔ nhoma dedaw pii a mubetumi agye bi de ayɛ adwuma anaa. Asafo ahorow a wonni nhoma dedaw no bi no betumi de Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ ama. February: Bɛn Yehowa. Sɛ munni nhoma yi bi a, mubetumi de Creation (kɛse anaa ketewa) anaasɛ Adiyisɛm Awiei nso ama. March: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Yɛbɛbɔ mmɔden yiye sɛ yebefi ofie Bible adesua ase. Sɛ nkurɔfo wɔ nhoma yi bi dedaw a, mubetumi de Tie Daniel Nkɔmhyɛ No! ama. April: Fa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ma. Sɛ woresan akɔsra anigyefo a, kɔ wɔn a wɔbaa Nkaedi anaa asafo no dwumadi foforo ase nanso wɔne yɛn mmɔ kɛse no nso nkyɛn. Bɔ mmɔden sɛ wode Som Nyankopɔn nhoma no bɛma. Bɔ mmɔden sɛ wubefi ofie Bible adesua ase, ne titiriw no bere a ebinom asua Nimdeɛ nhoma ne Ahwehwɛde nhomawa no dedaw no.
◼ Efi March 15, 2004 dapɛn no mu no, yebesua Bɛn Yehowa nhoma no wɔ Asafo Nhoma Adesua ase.
◼ Efi March no, baguam ɔkasa foforo a amansin so ahwɛfo bɛma ne “Hena Gyinapɛn na W’ani Gye Ho?”
◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no yɛ nhyehyɛe a ɛfata a wɔde bɛyɛ afe yi Nkaedi no Kwasida, April 4, bere a owia akɔtɔ. Ɛwom sɛ mubetumi afi ɔkasa no ase ntɛm de, nanso ɛnsɛ sɛ mode bobesa ne abodoo no fa nnipa no anim kosi sɛ owia bɛtɔ ansa. Mummisa wɔn a wonim bere a owia no tɔ wɔ mo mpɔtam hɔ no. Esiane sɛ asɛnka nhyiam nkutoo na mobɛyɛ saa da no nti, monyɛ nsakrae a ɛfata a ɛbɛma moayɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no da foforo. Ebehia sɛ amansin so ahwɛfo sakra bere a wɔde yɛ asafo nhyiam wɔ dapɛn no mu no ma ɛne asafo no tebea hyia. Ɛwom sɛ eye sɛ asafo biara bɛyɛ ne Nkaedi de, nanso ɛnyɛ bere nyinaa na wobetumi ayɛ no saa. Baabi a asafo dodow bi na ehyiam wɔ Ahenni Asa biako so no, ebia asafo biako anaa abien bi betumi akogye ɔdan foforo de adi afahyɛ no saa anwummere no. Sɛ ebetumi ayɛ yiye a, bere a moawie dwumadi no biako no, momma bɛyɛ simma 40 ntwam ansa na moafi foforo ase na ama mo nyinaa atumi anya afahyɛ no so mfaso pii. Ɛsɛ sɛ mususuw baabi a mode kar besisi, baabi a mubegyina ma nkurɔfo asisi ne baabi a mobɛforo no ho. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no yɛ nhyehyɛe a ɛbɛyɛ papa ama mo asafo no.