Teokrase Ɔsom Sukuu Nti̇̃mu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ April 26, 2004 no mu. Sukuu sohwɛfo no bɛyɛ simma 30 ntĩmu a egyina nsɛm a wodii ho dwuma wɔ March 1 kosi April 26, 2004 adapɛn no mu no so. [Hyɛ no nsow: Sɛ wɔamfa beae a asɛm no fi anhyɛ asɛmmisa no akyi a, ebehia sɛ woyɛ w’ankasa nhwehwɛmu de hwehwɛ mmuae no.—Hwɛ Ɔsom Sukuu, kr. 36-7.]
ƆKASA SU
1. Sɛ yɛrema ɔkasa a, dɛn nti na ɛyɛ papa sɛ yɛhwɛ kratasin a wɔahyehyɛ nsɛm wɔ so so ma ɔkasa no sen sɛ yɛbɛkenkan afi kasa a wɔakyerɛw emu nsɛm nyinaa mu? [be-TW kr. 166 nky. 3]
2. Sɛ yɛresiesie yɛn ho akɔ asɛnka a, ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa asusuw asɛm a yɛbɛka ho wɔ yɛn tirim? [be-TW kr. 167 nky. 3]
3. Fa asɛm a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 13:16-41 ne 17:2, 3 no kyerɛkyerɛ sɛnea Paulo ‘dii adanse kyerɛe sɛ Yesu ne Kristo no’ mu. (Aso. 9:22) [be-TW kr. 170 nky. 2]
4. Mfaso horow bɛn na ɛwɔ ɔkasa a wɔnhwɛ krataa so nkenkan mu? [be-TW kr. 175 nky. 1-4]
5. Asiane ahorow bɛn na ɛwɔ ɔkasa a wɔnhwɛ krataa so nkenkan mu, na dɛn na ɛbɛboa wo ma woakwati? [be-TW kr. 175 nky. 5–kr. 176 nky. 3]
DWUMADI 1
6. Sɛnea kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Genesis 32:24-32 kyerɛ no, dɛn na Yakob a na wadi mfirihyia 97 no yɛe de nyaa Yehowa nhyira, na dɛn na eyi kyerɛ yɛn? [w02-TW 8/1 kr. 29-31]
7. Dɛn ne “adwempa,” na ɔkwan bɛn so na ebetumi ama yɛakari pɛ na yɛampira yɛn ho? (Mmeb. 1:4) [w02-TW 8/15 kr. 21-2]
8. Ɔkwan bɛn so na baguam akasafo betumi ama Kyerɛwnsɛm no ayɛ wɔn kasa no nnyinaso titiriw? [be-TW kr. 52 nky. 6–kr. 53 nky. 5]
9. Bere a ɔkasafo bi ama nsɛntiaa bi kɛkɛ abɛyɛ Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛkyerɛmu no, gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ osi? [be-TW kr. 54 nky. 2-4]
10. Dɛn nti na Yehowa maa Israelfo no dii mana dapɛn biara ne ɔsram biara wɔ sare no so, na dɛn na yebetumi asua afi eyi mu? (Deut. 8:16) [8, w02-TW 9/1 kr. 30 nky. 3-4]
DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN
11. Sɛnea wɔada no adi wɔ Genesis 37:12-17 no, nsɛdi bɛn na yehu wɔ Yosef asetra ne Yesu de no mu? [w87-TW 8/1 kr. 12 nky. 12]
12. Sɛnea yehu wɔ kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Genesis 42:25-35 no mu no, ɔkwan bɛn so na Yosef kyerɛɛ mmɔborohunu ma ɛne mmɔborohunu a Yesu kyerɛ no hyia? [w87-TW 8/1 kr. 17 nky. 10; kr. 19, nky 17]
13. Ɔkwan bɛn so na nhyehyɛe a akoa kuw no yɛ nnɛ no ne awi a wɔde mae wɔ Yosef bere so no hyia? (Gen. 47:21-25)
14. Bere a Yehowa reka sɛ “Mene nea mene” no, na dɛn na ɔreda no adi afa ne din no ho? (Ex. 3:14, 15)
15. Asiane ahorow abien bɛn na anwiinwii de ba a wɔada no adi wɔ Exodus 16:2, 3? [8, w93-TW 3/15 kr. 20-1]