Fa Sie
So Wode Nhoma Kyekyɛ ho Nhyehyɛe a Wɔama Ayɛ Mmerɛw no Redi Dwuma wɔ Ɔkwan Pa So?
1. Ɔkwan bɛn so na nnipa ɔpepem pii anya Bible ho nhoma ahorow no so mfaso?
1 Bɛyɛ mfe kakra bi ni a wɔyɛɛ nhoma kyekyɛ a ɛbo nna so ho nhyehyɛe. Eyi aboa ma nsɛmma nhoma, nhomawa ne nhoma a wɔde ma wɔ ɔman yi mu nyinaa akɔ soro. Hwɛ sɛnea yɛn ani gye sɛ nnipa pii anya hokwan ‘Aba rebegye nkwa nsu no kwa.’—Adi. 22:17.
2. (a) Dɛn nti na yɛn nhoma no som bo saa? (b) Dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ wɔ yɛn nhoma ne nsɛmma nhoma ho?
2 Yɛn nyinaa ani sɔ bo a yɛn nhoma horow no som no. Sɛ nnipa benya daa nkwa a, ɛsɛ sɛ wonya Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba, Yesu Kristo ho nokware nimdeɛ. (Yoh. 17:3) Esiane eyi nti, ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛma afoforo nsa aka yɛn nhoma horow no bi. Nanso ɛmfa ho sɛ yɛde yɛn nhoma no ma a ɛbo biara nna so no, ɛnyɛ yɛn pɛ ne sɛ yɛde nsɛmma nhoma, nhomawa anaa nhoma bɛma obiara a obegye bi ara kɛkɛ. Esiane sɛ yɛn nhoma no som bo na wɔbɔ ka kɛse wɔ ne tintim ho nti, yɛbɛyɛ dɛn ahwɛ ahu sɛ yɛde rema nnipa a wɔkyerɛ ho anisɔ no nkutoo?
3. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn bere a obi ani nnye ho sɛ yɛne no bɛkasa no?
3 Fa Nhoma Ma Wɔn a Wɔkyerɛ Ho Anigye No! Ɛsɛ sɛ yɛde nhumu di dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrentow yɛn nhoma no ‘ngu abo so.’ (Marko 4:5, 6, 16, 17) Ne saa nti, yɛremfa yɛn nhoma, nhomawa ne nsɛmma nhoma no mma nnipa a wɔnkyerɛ ho anigye no. Sɛ onii no nkyerɛ ho anigye pii a, ebia yɛbɛfa anifere kwan so de nkɔmmɔbɔ no aba awiei na yɛatoa so akɔ afoforo hɔ. Anaa ebia yebegyaw no kratawa bere a ɔka sɛ ɔbɛkenkan no.
4. Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ obi wɔ asɛm no ho anigye?
4 Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ obi ani gye ho? Mpɛn pii no yebetumi ahu denam sɛnea onipa no yɛ n’ade wɔ Ahenni asɛm no ho no so. Bere a yɛne obi rekasa no, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: So ofiewura no pɛ sɛ me ne no di nkɔmmɔ? Sɛ yɛrekasa a, ɔyɛ aso, obua nsɛmmisa, na sɛ yɛrekenkan Bible no a ɔhwɛ mu bi? Sɛ ɔda anigye a ɛte saa adi a, ɛbɛyɛ papa sɛ yegyaw nhoma a ɛfata ma no. Sɛ ɛnte saa a, ebia ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ yegyaw kratawa ma onii no.
5. (a) Dɛn nti na ebinom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔde nhoma anaa nsɛmma nhoma bɛma? (b) Dɛn na onua biako yɛe de boaa ebinom ma woyii ntoboa? (d) Akwan tiawa a adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw afa so aka ntoboa ho nhyehyɛe akyerɛ no bi ne dɛn?
5 Ntoboa Ho Nhyehyɛe a Yɛbɛka Akyerɛ: Esiane sɛ ɛyɛ wo den sɛ wobɛka ntoboa ho asɛm akyerɛ nti, ɛtɔ mmere bi a wotwentwɛn wo nan ase sɛ wode nsɛmma nhoma anaa nhoma foforo bɛma bere a edi kan a wokɔ onipa no nkyɛn no? Ɔdawurubɔfo bi hui sɛ na nnipa pii ntie no bere a ɔka ntoboa ho nhyehyɛe kyerɛ wɔn no kosii sɛ ɔyɛɛ nsakrae abien bi. Nea edi kan no ɔde asɛmfua “nnɛ” dii dwuma denam eyi a ɔkae so: “Sɛ wopɛ sɛ wuyi ntoboa nnɛ de boa yɛn adwuma no a, mede anigye begye.” Afei ɔtwɛn kakra ma ofiewura no yɛ ho biribi. Adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw ahu sɛ sɛ wɔka nea wɔde ntoboa a woyi de boa Ahenni adwuma no yɛ ho asɛm tiawa kyerɛ afiewuranom a wɔkyerɛ asɛm no ho anisɔ a, wɔtaa yɛ ho biribi. Nea edidi so yi yɛ nyansahyɛ a ebia wubetumi de ahyɛ wo bag mu anaa wode bɛto wo tirim.—Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 5 no.
6. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere a yɛaka ntoboa ho nhyehyɛe akyerɛ no? (b) Sɛ yɛde nhoma ma ofiewura bi na sɛ wantumi anyi ntoboa a, dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ, na dɛn ntia?
6 Wɔ emu biara mu no, kae sɛ ɛsɛ sɛ yɛtwɛn kakra ma ofiewura no yɛ ho biribi. Sɛ obi yi ntoboa a, ɛma yenya ahotoso koraa sɛ n’ani gye nhoma no ho na ɔbɛkenkan. Nanso sɛ ofiewura no antumi anyi ntoboa a, ɛnsɛ sɛ yegye nhoma a yɛde ama no no fi ne nsam. Sɛ yegye a, ɛbɛma ofiewura no anya adwene sɛ yɛtɔn yɛn nhoma no.
7. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ntoboa a yɛn nsa ka no ho?
7 Nea ɛbɛyɛ na yɛamfa ntoboa ahorow amfra yɛn sika no, ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo biara nya nhoma kotoku bi a ɛho tew a wɔakyerɛw so: “Ntoboa Ma Wiase Nyinaa Adwuma No.—Mateo 24:14.” Ɛho nhia sɛ wode kotoku no ma ofiewura no anaa wubue mu ma ɔde ne ntoboa no hyem. W’ankasa gye ntoboa no na fa hyɛ kotoku no mu. Wɔ adesua a edi hɔ a wobɛkɔ wɔ Ahenni Asa so no, ɛsɛ sɛ wode ntoboa a ɛte saa no nyinaa to adaka a wɔakyerɛw ho “Wiase Nyinaa Adwuma” no mu.
8. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de yɛn nhoma ho nhyehyɛe a wɔama ayɛ mmerɛw yi adi dwuma yiye?
8 Momma yenya ahotoso bere a yɛreka ntoboa ho nhyehyɛe a wɔayɛ wɔ yɛn nhoma ne nsɛmma nhoma ho akyerɛ no. Ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase wɔ Ahenni aba a yebegu no ho esiane sɛ yɛmpɛ sɛ yɛka sɛnea yenya sika de yɛ yɛn som adwuma no kyerɛ nti. Bere koro no ara ɛsɛ sɛ yɛde nhumu di dwuma na yɛanto yɛn nhoma ne nsɛmma nhoma angu ‘abo so.’ Nnipa a wɔn ani sɔ asɛmpa a yɛde kɔ wɔn nkyɛn no ani gye sɛ wɔanya hokwan reyi ntoboa de aboa ɛho adwuma no. (Fa toto Mateo 10:42 ho.) Momma yɛnkɔ so ngu nokware aba no wɔ ɔkwan a ɛfata so sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi aboa nnipa komapafo ama wɔanya daa nkwa.
[Kratafa 5 adaka]
a. Wubetumi aka sɛ:
“Ebia wobɛpɛ sɛ wuhu nea enti a yɛde nhoma ma a bo biara nna so no. Ɛka wiase nyinaa nkyerɛkyerɛ adwuma a nkurɔfo fi wɔn pɛ mu yi ntoboa de boa no ho. Sɛ wopɛ sɛ wuyi ntoboa nnɛ de boa adwuma no a, mede anigye begye.”
b. Sɛ ofiewura bisa nhoma no bo a, wubetumi abua sɛ:
“Ɛbo biara nna nhoma no so, efisɛ ntoboa a nkurɔfo fi wɔn pɛ mu yi na wɔde boa yɛn adwuma no. Sɛ wopɛ sɛ wuyi ntoboa nnɛ a, yɛn ani begye sɛ yɛde bɛboa wiase nyinaa asɛnka adwuma no.”
d. Anaa wubetumi aka sɛ:
“Yɛde yɛn nhoma no ma obiara a ɔpɛ sɛ osua pii fa Bible no ho. Sɛ wopɛ sɛ wuyi ntoboa nnɛ de boa wiase nyinaa adwuma no a, m’ani begye sɛ mede bɛkɔ ama wo.”
e. Adawurubɔfo binom de asɛm a wɔakyerɛw wɔ “Ɔwɛn-Aban” no kratafa 2 anaa “Nyan!” no kratafa 5 no kyerɛ bere a wɔde rema no na wɔaka sɛ:
“Sɛnea wuhu wɔ ha no, ntoboa a nkurɔfo fi wɔn pɛ mu yi na wɔde boa yɛn adwuma no. Sɛ wopɛ sɛ wuyi ntoboa nnɛ de boa adwuma yi a, mede anigye begye.”
f. Eyi yɛ asɛm tiawa a adawurubɔfo a wɔyɛ foforo anaa mmofra betumi de adi dwuma:
“Ɛwom sɛ yɛde yɛn nhoma no ma a bo biara nna so de, nanso sɛ obi yi ntoboa kakra de boa yɛn wiase nyinaa adwuma no a, yegye.”