Adawurubɔfo Foforo ne Wɔn a Wɔasan Afi Asɛnka Ase a Yɛbɛboa Wɔn wɔ Asɛnka Adwuma Mu
1. Ɔkwan bɛn so na wɔboaa wo ma wufii asɛnka ase?
1 Wufii ase hui sɛ ehia sɛ woyɛ asɛnka adwuma no, wɔamfa asasesin bi anhyɛ wo nsa anka kɛkɛ sɛ kɔka asɛmpa no wɔ mu. Mmom no, obi tɔɔ ne bo ase boaa wo maa wufii adwuma a ɛho hia paa yi ase. Enti ɛyɛ ne kwan so sɛ wo nso wobɛboa adawurubɔfo foforo anaa wɔn a wɔasan afi asɛnka ase bio no. Wɔn a wɔde saa mmoa yi ma no behu ampa sɛ ‘ɔma mu wɔ anigye anaa nhyira kɛse mmom sen ogye.’—Aso. 20:35.
2. Wobɛyɛ dɛn aboa ɔdawurubɔfo foforo anaa obi a wasan afi asɛnka ase?
2 Kɔ So Boa No: Wobɛyɛ dɛn aboa obi a ɔte saa? Nea ehia paa ne ahosiesie. Mubetumi abom asusuw sɛnea wɔde nsɛmma nhoma foforo bɛma anaa sɛnea mobɛka nhoma a yɛde rema no mu nsɛmpɔw bi ho asɛm ho. Ehia sɛ ɔdawurubɔfo foforo no anaa nea wɔasan akanyan no no hu nhoma a yɛde rema no mu yiye na sɛ ɔkodu ɔpon ano a ne ho ampopo.
3. Mfaso wɔ ɔyɛkyerɛ a mobɛyɛ de asiesie mo ho no so? Kyerɛkyerɛ mu.
3 Ɔkwan foforo nso ne sɛ mubesusuw nsɛm a nkurɔfo taa de yi wɔn ho ano ne ɛho mmuae no ho. Adɛn nti na monyɛ emu bi nhwɛ mfa nsiesie mo ho? Mo mu biako betumi ayɛ sɛ ofiewura de nsɛm yi bi ayi ne ho ano na ɛno akyi no, obiako nso ayɛ ne de. Eyi bɛboa na sɛ ofiewura bi de anoyi bi a monhwɛ kwan ma a, anhaw mo.
4, 5. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔboa ɔdawurubɔfo ma onya ahotoso ne anigye wɔ asɛnka mu? (Ɔsɛnk. 4:9, 10) (b) Sɛnea 1 Tesalonikafo 5:11 ka no, yɛyɛ asɛnka wie a, yɛbɛyɛ dɛn ‘apiapia yɛn ho yɛn ho’?
4 Mfiase no ebia ehu bɛka wo yɔnko no ma ne ho apopo, ɛno nti na mfaso wɔ so sɛ moyɛ nhyehyɛe na mobom kɔ asɛnka no. N’ani bɛsɔ sɛ woka ne ho a sɛ ne ho kyere no a wobɛboa no. (Ɔsɛnk. 4:9, 10) Morefi ase a, nea ɛbɛboa ne sɛ mobɛkɔ asasesin a emu adwumayɛ nyɛ den mu. Ma nea woreboa no no nso kwan ma ɔnka asɛm no bi. Sɛ wankasa pii mpo a, ɛbɛma wanya ahotoso ne anigye wɔ asɛnka no mu.
5 Akyiri yi, ɛbɛyɛ papa sɛ mubesusuw nsrahwɛ a moayɛ no ho ahwɛ nea mubetumi ayɛ de akanyan ofiewura no anigye wɔ mo nsrahwɛ a edi hɔ no mu. Fa adwempa kamfo no wɔ mmɔden a ɔbɔe no ho. (1 Tes. 5:11) Wo ne no nhyɛ da pɔtee a mobɛsan akɔ asɛnka bio nto hɔ. Bere bi akyi no, obenya ahotoso de aka Ahenni nkrasɛm no wɔ afie mu na wakyerɛkyerɛ nokware no mu fann akyerɛ afoforo.
6. Asɛnka adwuma no afã pɔtee bɛn mu na yebetumi aboa adawurubɔfo foforo anaa wɔn a wɔafi asɛnka ase bio no?
6 Bere a yɛreboa adawurubɔfo yi no, yebetumi ne wɔn asusuw sɛnea wɔde Reasoning nhoma, concordance anaa Bible Mu Nsɛmti Ma Nkɔmmɔbɔ bedi dwuma; sɛnea wɔto fapem ma sankɔhwɛ wɔ nsrahwɛ a edi kan mu; sɛnea wɔyɛ ahosiesie kɔyɛ sankɔhwɛ; sɛnea wofi Bible adesua ase ne sɛnea obi kɔ so tu mpɔn sɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa no ho. Eyinom nyinaa yɛ nnwinnade ne nimdeɛ a ɛma obi yɛ ɔsomfo a n’adwuma sow aba.−2 Tim. 4:5.
7. Sɛnea Mmebusɛm 27:23 kyerɛ no, dɛn na wɔhwɛ kwan sɛ Nhoma Adesua so ahwɛfo bɛyɛ, na yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn?
7 Nhoma Adesua So Ahwɛfo: Ɛsɛ sɛ nhoma adesua sohwɛfo biara ma n’ani ku ne kuw no mufo nyinaa ho, na sɛ obi amma adesua anaa ɔntaa nkɔ asɛnka a, watumi ahu. (Mmeb. 27:23) Ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden ne wɔn mu dodow a obetumi bom kɔ asɛnka, fi ɔdɔ mu boa wɔn a wohia mmoa no. Adɛn nti na wonhwɛ sɛ wubenya wo nhoma adesua sohwɛfo anaa adawurubɔfo a wɔbɔ mmɔden no mu bi ne wɔn nkɔ asɛnka mfa nsua biribi mfi wɔn hɔ?
8. Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde boa adawurubɔfo foforo ne wɔn a wɔasan afi asɛnka ase no?
8 Enti, “sɛnea mo nyinaa nyinyaa ɔdom akyɛde no, momfa nsonsom mo ho mo ho sɛ Onyankopɔn dom ahorow no so afiehwɛfo pa.” Yɛrenyɛ eyi mfa nhyɛ yɛn ho anuonyam na mmom yɛpɛ sɛ ‘yɛfa Yesu Kristo so hyɛ Onyankopɔn anuonyam, ade nyinaa mu.’ Bere a wode saa ‘akyɛde’ yi reboa afoforo no, ɛbɛma woayɛ pii de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam.—1 Petro 4:10, 11.