Teokrase Ɔsom Sukuu Nti̇̃mu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ December 27, 2004 no mu. Sukuu sohwɛfo no bɛyɛ simma 30 ntĩmu a egyina nsɛm a wodii ho dwuma wɔ November 1 kosi December 27, 2004 adapɛn no mu no so. [Hyɛ no nsow: Sɛ wɔamfa beae a asɛm no fi anhyɛ asɛmmisa no akyi a, ebehia sɛ woyɛ w’ankasa nhwehwɛmu de hwehwɛ mmuae no.—Hwɛ Ɔsom Sukuu, kr. 36-7.]
ƆKASA SU
1. Akwampa a ɛsen biara a yɛbɛfa so akanyan atiefo anigye wɔ asɛmti bi ho no biako ne dɛn? [be-TW kr. 218 nky. 3]
2. Bobɔ nneɛma anum a ɛma ɔkasa bi awiei tu mpɔn. [be-TW kr. 221 nky. 1–5]
3. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ ahu sɛ asɛm bi a yɛreka no yɛ nokwasɛm? [be-TW kr. 224 adaka]
4. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ ahu sɛ ɔkasa a yɛma wɔ nhyiam ahorow ase no da obu a emu dɔ adi wɔ dwuma a asafo no di sɛ “nokware dum ne nnyinaso” no mu? (1 Tim. 3:15) [be-TW kr. 224 nky. 1-4]
5. Ɛdefa nsɛm a asisi nnansa yi, nsɛm a wɔfa ka, ne osuahu ahorow ho no, ɔkwan bɛn so na yebetumi de Mmebusɛm 14:15 adi dwuma? [be-TW kr. 225 nky. 1]
DWUMADI 1
6. Ɔkwan bɛn so na yebetumi abu akontaa afi Nsuyiri no so akosi bere a wɔbɔɔ Adam so ahu bere dodow a ɛwom? [si-E kr. 286 nky. 12]
7. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu bere a Yesu de fii ne som adwuma ase no, na dɛn na yebetumi agyina so agye adi sɛ edii mfe abiɛsa ne fã pɛ? [si-E kr. 291 nky. 16]
8. (a) Bere bɛn na wɔkaa “asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem” no? (b) Mfe dodow ahe na na ebetwam fi saa bere no kosi bere a Yesu bɛba sɛ Mesia no so? (Dan. 9:24-27) [si-E kr. 291 nky. 18-19]
9. Dɛn na ɛka kyɛwpa a efi komam a ɛbɛma ‘asomdwoe aba yɛne yɛn nua ntam’ no ho? (Mat. 5:23, 24) [w02-TW 11/1 kr. 6 nky. 1, 5]
10. Dɛn na 2 Ahene 13:18, 19 kyerɛ yɛn fa Onyankopɔn nnwuma a yɛbɛyɛ ho? [w02-TW 12/1 kr. 31 nky. 1-2]
DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN
11. Dɛn nti na na Israelfo betumi de aboa a wɔanhwie ne mogya angu ama ɔhɔho anaasɛ wɔatɔn ama ɔnanani wɔ mmere ko a wɔn ankasa renni no? (Deut. 14:21)
12. Asuade bɛn na Deuteronomium 20:5-7 ma yenya?
13. Dɛn nti na sɛ na obi ‘gye owiyammo ne ne ba awowa a,’ na ɛte sɛ nea ‘ɔregye ɔkra awowa’? (Deut. 24:6)
14. Esiane sɛ na wɔabara Israelfo no sɛ wonnni srade biara nti, na “adwennini srade” a wodi no kyerɛ dɛn? (Deut. 32:13, 14)
15. Akan kwammɔne no nsɛso bɛn na ɛwɔ hɔ nnɛ? (Yos. 7:1-26) [w86-E 12/15 kr. 20 nky. 20]