Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/04 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2004
Yɛn Ahenni Som—2004
km 12/04 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Mubetumi de The Bible—God’s Word or Man’s?, Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm, anaa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nso ama. January: Yɛde nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii wɔ krataa a ɛdodow so anaa nea wotintimii ansa na afe 1990 reba a ebi wɔ hɔ bɛma. Asafo ahorow a wonni nhoma dedaw yi bi no betumi de Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ nhoma no ama. February: Yɛde Bɛn Yehowa na ɛbɛma.

◼ Wɔasiesie asɛm “Understanding Your Doctor” (Wo Duruyɛfo a Wobɛte No Ase) a ebepue wɔ January 22, 2005, Engiresi Nyan! mu no na aboa nkurɔfo ma wɔate wɔn nnuruyɛfo ase yiye. Nanso akyinnye biara nni ho sɛ nnuruyɛfo ankasa ani begye ho, esiane sɛ nsɛm no kyerɛkyerɛ nea nti a nnuruyɛfo binom ani agye Bible mu anidaso asɛm no ho no mu. Ebia wobɛpɛ sɛ wokra dodow bi sɛnea ɛbɛyɛ a wode bi bɛma wo duruyɛfo ne apɔwmuden ho adwumayɛfo afoforo. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wɔpɛ nsɛmma nhoma yi dodow bi aka ho no bɔ Betel amanneɛ ntɛm ara.

◼ Ɛrenkyɛ yɛde 2005 Nkaedi nkratasin a wɔde to nsa frɛ afoforo a ɛwɔ kasa titiriw a moka mu bɛbrɛ mo asafo no. Sɛ wɔka kasa foforo wɔ mo asasesin no mu na mopɛ sɛ yɛbrɛ mo nkratasin no bi wɔ saa kasa no mu a, ɛsɛ sɛ mode Literature Request Form (S-14) no kra bi ntɛm ara.

◼ Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow sɛ yɛbɛyɛ afe 2006 Nkaedi no Wukuda, April 12, bere a owia akɔtɔ. Yɛadi kan de amanneɛbɔ yi ama sɛnea ɛbɛyɛ a anuanom betumi ahwehwɛ asa ahorow ato hɔ bere a asafo pii na wohyiam wɔ Ahenni Asa no so na ebehia sɛ wɔhwehwɛ adan foforo no.

◼ Esiane sɛ Nkaedi no yɛ bere titiriw nti, ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no paw mpanyimfo a wɔfata paa no mu biako ma ɔma Nkaedi kasa no sen sɛ wɔbɛma obiara ama bi anaasɛ wɔbɛma ɔpanyin biako no ara ama afe biara. Sɛ ɔpanyin bi a ɔka nkaefo no ho wɔ hɔ na sɛ obetumi ama ɔkasa no a, ɛsɛ sɛ wɔpaw no.

◼ Wɔasan ayɛ akenkan ne akyerɛw ho nhyehyɛe wɔ asafo ahorow a wɔn a wonnim akenkan ne akyerɛw wom no nyinaa mu. Nhoma foforo, Sua Akenkan ne Akyerɛw, a wɔde bɛkyerɛ ade no bi wɔ Engiresi, Ewe, Ga ne Twi kasa mu mprempren. Ɛsɛ sɛ obiara a ohia bi de asua akenkan ne akyerɛw no kra bi ntɛm ara.

◼ Efi June 27, 2005 dapɛn no mu no, yebesua Tie Daniel Nkɔmhyɛ No! wɔ Asafo Nhoma Adesua ase.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena