Ɔfã 6—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ
Sɛ Osuani no Bisa Asɛm a
1 Sɛ Bible adesua nya tim a, ne papa mu ne sɛ yebesua Bible nkyerɛkyerɛ no nnidiso nnidiso sen sɛ yebetutu nsɛm no asisi mu. Eyi boa osuani no ma ɔde nokware nimdeɛ to fapem na onya ɔsom mu nkɔso. (Kol. 1:9, 10) Nanso ɛtaa ba sɛ asuafo no bisa nsɛm ahorow bere a adesua no rekɔ so no. Sɛ ɛba saa a, dɛn na yɛbɛyɛ?
2 Da Nhumu Adi: Wubetumi abua nsɛmmisa a ɛfa nea moresua no ho no ɛhɔ ara. Sɛ asɛmmisa no ho mmuae wɔ nhoma no fã bi a mubesua no akyiri yi a, wubetumi atwe adwene asi so. Nanso sɛ asɛmmisa no mfa ade a moresua no ho a, mubetumi asusuw ho bere a moawie adesua no. Sɛ nso ebehia sɛ woyɛ nhwehwɛmu ansa na woatumi ayi asɛmmisa no ano yiye a, ɛnde fa hyɛ bere foforo. Anuanom binom ahyɛ no nsow sɛ, sɛ wɔkyerɛw asɛmmisa no to hɔ a, ɛma osuani no hu sɛ n’asɛm no ho hia wɔn. Bere koro no ara nso ɛboa ma wɔde wɔn adwene si nea wɔresua no so.
3 Bible nkyerɛkyerɛ pii ho nsɛm kakraa bi na ɛwɔ yɛn nhoma ahorow a wɔde fi ase sua Bible no mu. Sɛ ɛba sɛ osuani bi nnye nkyerɛkyerɛ bi ntom anaa ɔkɔ so ara kura atoro gyidi bi mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase ne no susuw nsɛm foforo a Bible ka wɔ ho no ho a, ebia ɛbɛboa. Sɛ eyi nyinaa akyi osuani no nte ne ho ase a, momfa asɛm no nto hɔ na moasusuw ho bere foforo na montoa n’adesua no so. (Yoh. 16:12) Bere a nimdeɛ a ɔwɔ wɔ Bible mu redɔɔso na ɔretu mpɔn wɔ honhom mu no, ebia ɔbɛte Bible nkyerɛkyerɛ no ase.
4 Nya Ahobrɛase: Sɛ wunnim asɛmmisa bi ho mmuae a, mmɔ wo tirim nyi ano. (2 Tim. 2:15; 1 Pet. 4:11) Ma ɔnte ase sɛ wobɛhwehwɛ asɛm no mu na wode mmuae abrɛ no akyiri yi. Wubetumi mpo de hokwan no akyerɛ osuani no sɛnea wɔyɛ nhwehwɛmu. Kyerɛkyerɛ no nkakrankakra ma onhu sɛnea ɔde nhwehwɛmu nhoma a Yehowa ahyehyɛde no de ama no bɛyɛ nhwehwɛmu. Bere bi akyi no, ɔnam saa kwan yi so betumi abua ne nsɛm.—Aso. 17:11.