Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/05 kr. 1
  • Bible No a Yebesi So Dua Kɛse!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible No a Yebesi So Dua Kɛse!
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔwɛn-Aban ne Nyan!—Bere a Ɛfata mu Nsɛmma Nhoma a Ɛka Nokware
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Yɛn Nsɛmma Nhoma Ahorow no a Yɛde Bedi Dwuma Afie Afie Mu
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Sɛn Na Yesu Kaa Sɛ Yɛne Nnipa Ntena?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam “Ɔwɛn-Aban” Ne “Nyan!” A Yɛbɛma Wɔakra So
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2005
km 3/05 kr. 1

Bible No a Yebesi So Dua Kɛse!

1. Henanom titiriw na mfitiase no wɔyɛɛ Ɔwɛn-Aban no maa wɔn, na wɔyɛɛ The Golden Age no nso maa henanom?

1 October 1, 1919 na wotintim The Golden Age nsɛmma nhoma a edi kan. Ɛbɛyɛɛ adwinnade a edi mu paa wɔ asɛmpaka adwuma no mu. Dɛn ntia? Ɛne sɛ wɔyɛ maa ɔmanfo titiriw. Na ɛnte sɛ Ɔwɛn-Aban a na wɔde mfe pii abu no sɛ nsɛmma nhoma a wɔyɛ maa “kuw ketewa” no titiriw no. (Luka 12:32) Ahenni adawurubɔfo ani gyee nsɛmma nhoma foforo yi ho araa ma mfe pii mu no, na The Golden Age dodow a wɔde ma no dɔɔso sen Ɔwɛn-Aban a wɔde ma no koraa.

2. Edin bɛn na nnɛ yɛde frɛ The Golden Age no, na dɛn ne n’atirimpɔw fi mfiase?

2 Wotintimii The Golden Age nsɛmma nhoma no na ama nnipa ahu sɛ Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no ne adesamma haw ahorow no ano aduru ankasa, na ɛno na ɛde mmere pa bɛbrɛ adesamma. Wɔ mfe a edidi so mu no, wɔsesasesaa The Golden Age no mu na adi nsakrae a na ɛrekɔ so no ho dwuma. Wɔsesaa ne din no yɛɛ no Consolation wɔ 1937 mu. Wɔ 1946 mu no, wɔbɛfrɛɛ no Nyan!, sɛnea yenim nnɛ no.

3. Nkɔmhyɛ bɛn na Nyan! aboa ma anya mmamu?

3 Efi bere a wofii ase tintimii no, nsɛmma nhoma yi aboa paa wɔ adanse kɛse a wɔadi fi 1919 mu no. (Mat. 24:14) Nanso esiane sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ wɔ yɛn bere yi mu nti, yɛabehu sɛ nyansa wom sɛ yɛyɛ nsakrae bio wɔ Nyan! no mu.

4. (a) Sɛ obi benya ne ti adidi mu wɔ ‘Yehowa abufuw da’ no a, dɛn na ehia sɛ ɔyɛ? (b) Sɛnea Adiyisɛm 14:6, 7 kyerɛ no, dɛn na ‘ɔbɔfo a ɔnam wim’ no reka kyerɛ obiara sɛ ɔnyɛ?

4 Nnipa ɔpepem pii ani gye Nyan! akenkan ho efisɛ ɛka wiase mu nsɛm pii wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye so. Akyinnye biara nni ho sɛ nnipa a wɔba Nkaedi afe biara no mu dodow no ara taa kenkan Nyan! Nanso sɛ obi benya ne ti adidi mu wɔ ‘Yehowa abufuw da’ no mu a, obehia mmoa de ayɛ pii asen yɛn nhoma no a ɔbɛtaa akenkan ara kwa.—Sef. 2:3; Adi. 14:6, 7.

5. (a) Nneɛma bɛn na wɔbɛka ho asɛm kɛse wɔ Nyan! a ebefi ase aba January 2006 mu no? (b) Ebia ɛbɛka nnipa pii ma wɔayɛ dɛn, na nkɔmhyɛ bɛn na ɛbɛma anya mmamu?

5 Enti, efi January 2006 no, Nyan! bɛtwe adwene asi Onyankopɔn Ahenni no so kɛse. Ɛbɛhyɛ akenkanfo nkuran ma wɔahwehwɛ Bible no mu tẽẽ de apɛ wɔn haw ahorow ano aduru, na ɛbɛtwe adwene asi nkyerɛkyerɛmu a Bible no de ma wɔ nsɛm a ɛresisi nnansa yi mu no so kɛse. Wɔ saa kwan yi so no, akenkanfo benya nsɛm a ɛresisi nnansa yi no ho ntease a edi mu, na ebia nea wɔkenkan no bɛka wɔn ma wɔasua Yehowa ho nsɛm pii.—Sak. 8:23.

6, 7. (a) Ɔkwan bɛn so na wobesiesie Nyan! ma aboa nnipa pii ma wɔde 1 Tesalonikafo 2:13 adi dwuma? (b) Mpɛn ahe na wobetintim Nyan! ɔsram biara, na kasa ahe na nsakrae yi bɛka no?

6 Wɔbɛkɔ so akyerɛw nsɛm a ɔmanfo ani gye ho wɔ Nyan! mu. Nanso, wɔbɛtwe adwene asi Bible no so kɛse. (1 Tes. 2:13) Esiane sɛ Ɔwɛn-Aban no ka Bible mu nsɛm a emu dɔ, na Nyan! no nso bɛka Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm pii nti, ɛte sɛ nea ɛho renhia sɛ wɔkɔ so tintim Nyan! ma ɛba mprenu ɔsram biara. Enti, efi January 2006 de no so no, wobetintim Nyan! pɛnkoro ɔsram biara. Eyi bɛma ne nsiesie, ne nkyerɛase ne mena a wɔde mena no ayɛ mmerɛw kɛse.

7 Nsakrae yi bɛka kasa horow a wotintim Nyan! wom no bɛyɛ 100 mu nkyem 40. Kasa pii wɔ hɔ a wotintim Nyan! pɛnkoro wɔ ɔsram no mu, ɛnna ebinom nso yɛ asram abiɛsa biara. Wɔrenyɛ nsakrae biara wɔ Ɔwɛn-Aban no tintim mu.

8. Ɔkwan bɛn so na adawurubɔfo de Nyan! bɛka Ɔwɛn-Aban ho ama?

8 Adawurubɔfo betumi de Nyan! a ɛbɛba pɛnkoro ɔsram biara no aka Ɔwɛn-Aban a ɛba mprenu no mu biara ho ama. Wɔn a wɔde Nyan! ma no betumi de biako no ara ama wɔ ɔsram no mu nyinaa bere a wɔnsesa ɔkwan a wɔfa so de ma wɔ ɔsram no mu sɛnea mprempren yɛyɛ no no.

9. Dwuma bɛn na Nyan! bɛkɔ so adi?

9 Efi bere a wotintim nea edi kan wɔ 1919 mu no, nsɛmma nhoma yi a wɔafrɛ no The Golden Age ne Consolation, na mprempren yɛfrɛ no Nyan! no adi dwuma titiriw wɔ asɛnka adwuma no mu. Yɛbɔ mpae sɛ Yehowa nkɔ so nhyira nsɛmma nhoma a yɛayɛ emu nsakrae no kyekyɛ so na aboa nnipa pii “a wofi amanaman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu” ma wɔde wɔn ani ato Onyankopɔn Ahenni so sɛ wɔn anidaso koro pɛ.—Adi. 7:9.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena