Teokrase Ɔsom Sukuu Nti̇̃mu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ April 28, 2005 no mu. Sukuu sohwɛfo no bɛyɛ simma 30 ntĩmu a egyina nsɛm a wodii ho dwuma wɔ March 7 kosi April 25, 2005 adapɛn no mu no so. [Hyɛ no nsow: Sɛ wɔamfa beae a asɛm no fi anhyɛ asɛmmisa no akyi a, ebehia sɛ woyɛ w’ankasa nhwehwɛmu de pɛ mmuae no.—Hwɛ Ɔsom Sukuu, kr. 36-7.]
ƆKASA SU
1. Sɛ yɛresiesie ɔkasa a, ɔkwan bɛn so na yɛfa yɛ dwumadi a wɔde ahyɛ yɛn nsa no yiye, na dɛn nti na eyi ho hia? [be-TW kr. 234 nky. 1-3, nnaka]
2. Nsɛm a wɔde ama yɛn no mu ahe na ɛsɛ sɛ yɛka? [be-TW kr. 234 nky. 4–kr. 235 nky. 1]
3. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de nsɛmmisa ahyɛ nkɔmmɔbɔ ho nkuran wɔ asɛnka mu? (Aso. 8:30) [be-TW kr. 236 nky. 2-5]
4. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de nsɛmmisa aboa yɛn Bible asuafo ma wɔde wɔn ‘adwene tumi’ adi dwuma? (Rom. 12:1) [be-TW kr. 238 nky. 1]
5. Nkɛntɛnso bɛn na nsɛm a wɔabisa wɔ Romafo 8:31, 32 ne Yesaia 14:27 no wɔ? [be-TW kr. 239 nky. 1-2]
DWUMADI 1
6. Ɔkwan bɛn so na ‘yɛto Kristo sɛ fapem’ wɔ yɛn asuafoyɛ adwuma no mu? (1 Kor. 3:11) [be-TW kr. 278 nky. 1-2]
7. Esiane sɛ Yehowa de ahenni tumi nyinaa maa ne Ba no wɔ afe 1914 no mu nti, sɛ yɛrebɔ mpae sɛ, ‘W’ahenni mmra’ a, na dɛn na yɛrepɛ akyerɛ? (Mat. 6:9, 10) [be-TW kr. 279 nky. 4]
8. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa ani gye ho sɛ wobehu akenkan, na ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ eyi ho nhwɛso? [w03-TW 3/15 kr. 10 nky. 5; kr. 12 nky. 2]
9. Ɔkwan bɛn so na Yosia ne Yesu nhwɛso no betumi aboa mmabun ma wɔanya honhom fam nkɔso? [w03-TW 4/1 kr. 8 nky. 3-4; kr. 10 nky. 3]
10. Dɛn nti na yebetumi anya Onyankopɔn mu ahotoso? (Mmeb. 3:5, 6) [w03-TW 11/1 kr. 4 nky. 6-7]
DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN
11. Dɛn nti na Hana bɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ ‘ɔmfa ahoɔden mma ne hene’ bere ko a na onipa biara nni Israelfo so hene no? (1 Sam. 2:10)
12. Dɛn na yebetumi asua afi nokwasɛm a ɛne sɛ Israel dii nkogu ɛmfa ho sɛ na apam adaka no wɔ wɔn mfinimfini no mu? (1 Sam. 4:3, 4, 10)
13. Adɛn nti na 1 Beresosɛm 2:13-15 ka sɛ Dawid yɛ Yisai ba a ɔto so ason, bere a 1 Samuel 16:10, 11 kyerɛ sɛ na ɔto so awotwe no?
14. “Honhommɔne” bɛn na ohunahunaa Saul no? (1 Sam. 16:14)
15. So nkɔm a “Samuel” nam ɔsamanfrɛfo bi a ɔwɔ En-dor so hyɛe no nyaa mmamu pɛpɛɛpɛ? (1 Sam. 28:16-19)