FA SIE
Sɛnea Yebetumi De Nhomawa Ama
Wɔde nyansahyɛ ahorow ama wɔ krataa yi mu na wode asiesie nsɛm a wobɛka bere a wode nhomawa rema no. Wowɔ hokwan sɛ wosesa mu nsɛm no ma ɛfata mo asasesin mu tebea. Wubetumi afa akwan foforo so de ama. Wubetumi ahwɛ nyansahyɛ a edidi so yi so de asiesie nsɛm a wobɛka bere a wode nhomawa a wɔnkaa ho asɛm wɔ krataa yi mu rema no.—Hwɛ January 2005 Yɛn Ahenni Som, kr. 8.
Nea ɛka kratafa yi mu nyansahyɛ yi biara ho ne (1) asɛmmisa a ɛkanyan adwene a wɔde fi nkɔmmɔbɔ ase, (2) beae a wubehu asɛm a moresusuw ho no wɔ nhomawa no mu ne (3) kyerɛwsɛm a ɛfata a wubetumi akenkan bere a morebɔ nkɔmmɔ no. Wubetumi agyina onipa no mmuae so de w’ankasa nsɛm akyerɛkyerɛ mu.
Amansan Nhoma
“Wususuw sɛ Bible no kura afotu a ɛso wɔ mfaso ma yɛn nnɛ?”—Nsɛm a ɛwɔ kratafa 22 asɛmti ase no; adaka a ɛwɔ kr. 23, nky. 3; Mmeb. 25:11.
Asetra a Abotɔyam Wom—Ɔkwan a Yɛbɛfa So Anya
“Nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa rehwehwɛ asetra pa. Wususuw sɛ bere bi bɛba a yebenya asetra a abotɔyam ankasa wom?”—kr. 29, nky. 6; 2 Pet. 3:13.
Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!
“Nnipa pii susuw sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ soro na wɔatumi anya daa nkwa, nanso wususuw sɛ yebetumi atra ase daa wɔ asase so?”—Mfonini a ɛwɔ nhomawa no anim ne akyiri; Adi. 21:4.
So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?
“Nnipa kura adwen horow wɔ sɛnea Onyankopɔn te ankasa ho. Wususuw sɛ nea yegye di no ho hia?”—kr. 3, nky. 3, 7-8; Yoh. 17:3.
The Divine Name That Will Endure Forever
“Yɛn mu pii nim mpaebɔ a yefi ase sɛ “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew” no. (Mat. 6:9) Nanso wunim sɛ nkwa a yebenya no gyina saa din no a yebehu no so?”—kr. 28, nky. 1; Rom. 10:13.
Nniso a Ɛde Paradise Bɛba
“Nnipa pii pɛ sɛ wonya ɔhaw ahorow a yehyia nnɛ no ano aduru. Wususuw sɛ nniso bi bɛba a ebeyi ɔhaw ahorow yi afi hɔ?”—kr. 3, nky. 1; Mat. 6:9, 10.
Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So?
“Sɛ yɛn adɔfo bi wu a, ɛnyɛ nwonwa sɛ yebesusuw beae a wɔkɔ ho, ne sɛ ebia bere bi bɛba a yɛbɛsan ahu wɔn anaa. Woasusuw nsɛmmisa a ɛte sɛ eyinom ho pɛn?”—Nsɛmmisa a ɛwɔ nhomawa no akyi; Hiob 14:14, 15.
Bere a Obi a Wodɔ No Awu . . .
“Ɛnnɛ yɛde nhomawa yi a ama nnipa ɔpepem pii a wɔn adɔfo awuwu anya awerɛkyekye ne anidaso no rema. Woadwen anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo no ho pɛn?”—kr. 27, nky. 3; Yoh. 5:28, 29.
“So woadwen awerɛkyekyesɛm a wopɛ sɛ woka kyerɛ obi a ne dɔfo bi awu ho pɛn?”—kr. 20, nky. 1; Mmeb. 17:17.