Teokrase Ɔsom Sukuu Nti̇̃mu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ August 29, 2005 no mu. Sukuu sohwɛfo no bɛyɛ simma 30 ntĩmu a egyina nsɛm a wodii ho dwuma wɔ July 4 kosi August 29, 2005 adapɛn no mu no so. [Hyɛ no nsow: Sɛ wɔamfa beae a asɛm no fi anhyɛ asɛmmisa no akyi a, ebehia sɛ woyɛ w’ankasa nhwehwɛmu de pɛ mmuae no.—Hwɛ Ɔsom Sukuu, kr. 36-7.]
ƆKASA SU
1. Bere a yɛreka yɛn anidaso ho asɛm akyerɛ afoforo no, yɛbɛyɛ dɛn atumi ama ‘nnipa nyinaa ahu yɛn ntease,’ na dɛn nti na eyi ho hia? (Filip. 4:5; Yak. 3:17) [be-TW kr. 251 nky. 1-3, adaka]
2. Ɔkwan bɛn so na hu a yebehu bere a ɛsɛ sɛ yegyae nsɛm mu no bɛboa yɛn ma yɛne afoforo adi no yiye? [be-TW kr. 253 nky. 1-2]
3. Dɛn nti na nsɛmmisa a yɛde bedi dwuma yiye no ho hia bere a yɛboa afoforo ma wosusuw asɛm bi ho no? [be-TW kr. 253 nky. 3-4]
4. Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho na ama yɛn nsɛm no atumi adan atiefo ti? [be-TW kr. 255 nky. 1-4, adaka; kr. 256 nky. 1, adaka]
5. Sɛ yesi gyinae sɛ yɛde adanse foforo bɛkyerɛkyerɛ yɛn nsɛm mu de afoa ntease a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu so a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem? [be-TW kr. 256 nky. 3-5, adaka]
DWUMADI 1
6. Adanse a emu da hɔ bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yesu atra ase pɛn? [w03-TW 6/15 kr. 4-7]
7. Ɔkwan bɛn so na “teefo ano beyi wɔn,” na ɔkwan bɛn so na treneefo fie “begyina”? (Mmeb. 12:6, 7) [w03-TW 1/15 kr. 30 nky. 1-3]
8. Esiane sɛ wɔankyerɛw Bible no te sɛ nhoma bi a wɔahyehyɛ nea ɛfata sɛ yɛyɛ ne nea ɛmfata sɛ yɛyɛ ho mmara wom nti, yɛbɛyɛ dɛn ‘akɔ so ahu Yehowa apɛde’? (Efe. 5:17) [w03-TW 12/1 kr. 21 nky. 3– kr. 22 nky. 3]
9. Bible nnyinasosɛm bɛn na sɛ obi de di dwuma a ebetumi aboa no ma wadi ohia anaa sikasɛm mu ahokyere so? [w03-TW 8/1 kr. 5 nky. 2-5]
10. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ sɛnea Yehowa fi ne pɛ mu kyɛ ade no ka yɛn? (Mat. 10:8) [w03-TW 8/1 kr. 20-2]
DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN
11. Dɛn na adum abien a wɔfrɛ no Yakin ne Boas a esisi asɔrefie a Salomo sii no pon ano no gyina hɔ ma? (1 Ahe. 7:15-22)
12. So Galilea asase so nkurow 20 a Salomo de kyɛɛ Tiro hene Hiram no buu Mose Mmara no so? (1 Ahe. 9:10-13)
13. Dɛn na yebetumi asua afi asoɔden a “Onyankopɔn nipa bi” yɛe no mu? (1 Ahe. 13:1-25)
14. Ɔkwan bɛn so na Yuda hene Asa daa n’akokoduru adi, na dɛn na yebetumi asua afi ne nhwɛso no mu? (1 Ahe. 15:11-13)
15. Ɔkwan bɛn so na asɛm a esii wɔ Ɔhene Ahab ne Nabot ntam no kyerɛ sɛ asiane wom sɛ yɛbɛma *nsɛm ahaw yɛn? (1 Ahe. 21:1-16)