Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma August: Nhomawa biara a ekura nkratafa 32 a ɛfata. September: Yɛde Creation nhoma (kɛse anaa ketewa) no bɛma. Sɛ ebi nni hɔ a, mubetumi de Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm ama. Sɛ afiewuranom annye nhoma no a, mubetumi de Monkɔ so Nwɛn! nhomawa no ama wɔn. October: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Awake! mma. Baabi a wɔbɛkyerɛ asɛm no ho anigye no, momfa Ahwehwɛde nhomawa no mma wɔn. November: Momfa Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No mma.
◼ Esiane sɛ adapɛn anum na ɛwɔ October mu nti, ɛyɛ bere pa a yebetumi de ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a wapaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu wɔ September 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ mowɔ adansi ho foto anaa sika foforo bi a ɛwɔ boayikuw a wɔhwɛ dan so no hɔ a, ɛsɛ sɛ moyɛ nhyehyɛe ma wɔhwehwɛ eyi nso mu. Sɛ wɔyɛ eyi wie a, mommɔ asafo no amanneɛ, bere a moakenkan mo sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ awie no.
◼ Yɛrekae yɛn ho sɛ ɛnsɛ sɛ onua biara de Betel adwumayɛbea no address kyerɛw n’ankasa krataa. Krataa a yɛkyerɛw ne nhoma a yɛde mena de di anigyefo, wɔn a yɛnto wɔn wɔ fie ne mmeae a ɛyɛ den sɛ yɛbɛkɔ hɔ adansedi nyinaa ka ho. Ɔdawurubɔfo betumi de n’ankasa address ayɛ saa efisɛ asɛm a ɔreka no yɛ n’ankasa som a ɔde rema Onyankopɔn. (Mat. 28:19, 20; Rom. 10:14, 15) Nanso, sɛ ɔte nka sɛ ɛmfata sɛ ɔde n’ankasa address kyerɛw krataa de di adanse a, obetumi de ne din ne Ahenni Asa no address akyerɛw.—Hwɛ May 2002 Yɛn Ahenni Som Asɛmmisa Afã hɔ.
◼ Ɛsɛ sɛ mokan nhoma ne nsɛmma nhoma a mowɔ nyinaa dodow wɔ August 31, 2005, anaa aka kakraa bi na saa da no adu no. Nhomakan yi te sɛ nea nhoma sohwɛfo no yɛ ɔsram biara no, na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw dodow a aka nyinaa hyɛ “Literature Inventory” (S-18) kratasin no so. Mubetumi ahu nsɛmma nhoma dodow a mowɔ no afi asafo biara nsɛmma nhoma sohwɛfo hɔ. Ɛsɛ sɛ asafo a ɛhwɛ nhomakra so no kyerɛwfo hwɛ nhomakan no so. Asafo a ɛhwɛ nhomakra so no kyerɛwfo ne ɔhwɛfo guamtrani no de wɔn nsa bɛhyɛ kratasin no ase. Asafo a ɛhwɛ nhomakra so no nsa bɛka “Literature Inventory” (S-18) nkratasin no abiɛsa. Yɛsrɛ sɛ momfa biako mmena Betel adwumayɛbea no ansa na September 6 atwam. Momfa biako nto mo nneɛma mu. Mubetumi de nea ɛto so abiɛsa no adi dwuma bere a morekan no.
◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow fi ase kra 2006 Calendar of Jehovah’s Witnesses, Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2006, ne 2006 Yearbook of Jehovah’s Witnesses ka nhoma a edi hɔ a wɔbɛkra no ho. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔhwɛ nhomakra so no hwɛ hu sɛ wɔde nea ehia asafo ahorow a wɔkra nhoma ma wɔn no nyinaa aba S-14 kratasin koro no ara so.