Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma September: Creation nhoma (kɛse anaa ketewa) no. Sɛ ebi nni hɔ a, mubetumi de Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm ama. Sɛ afiewuranom annye nhoma no a, mubetumi de Monkɔ so Nwɛn! nhomawa no ama wɔn. October: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Awake! mma. Baabi a wɔbɛkyerɛ asɛm no ho anigye no, momfa Ahwehwɛde nhomawa no mma wɔn. November: Momfa Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No mma. December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn.
◼ Betel adwumayɛbea no nni nhoma a adawurubɔfo mmaako mmaako kra ho dwuma. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no yɛ nhyehyɛe ma wɔde nkaebɔ ma ɔsram biara ansa na wɔde krataa a wɔde kra nhoma ɔsram biara no aba Betel adwumayɛbea, na ama obiara a ɔpɛ sɛ ne nsa ka n’ankasa nhoma no atumi aka ho asɛm akyerɛ onua a ɔhwɛ nhoma so no. Yɛsrɛ sɛ monhyɛ nhoma a wɔkra ma wɔn a wobisa nkutoo no nsow.
◼ Yɛrekae mpanyimfo sɛ wonni obiara a wɔatu no anaasɛ watwe ne ho a ebia ɔpɛ sɛ wɔsan gye no no ho akwankyerɛ a wɔde ama wɔ April 15, 1991, Ɔwɛn-Aban no kratafa 21-23 no akyi.
◼ Wɔbɛma 2006 Nkaedi bere mu ɔkasa titiriw no Kwasida, April 30. Yɛde ɔkasa no asɛmti no bɛma akyiri yi. Asafo horow a wɔn ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra wɔn, anaasɛ wɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam saa dapɛn no awiei no bɛma ɔkasa titiriw no dapɛn a edi hɔ no. Ɛnsɛ sɛ asafo biara ma ɔkasa titiriw no ansa na Kwasida, April 30, 2006 adu.
◼ Efi September no, yɛde 2005 ɔmantam nhyiam baagye bɛka nhoma a yɛde bɛbrɛ mo no ho. Ɛho renhia sɛ mokra bi. Yebegyina asafo biara kɛse so de baagye no amena mo. Yɛahyehyɛ no akuwakuw a ekuw no mu biara yɛ 25. Sɛ asafo no behia baagye no bi aka ho a, ɛsɛ sɛ mode Literature Request Form (S-14) no kra bi. Ɛsɛ sɛ mokra rɔba a yɛde baagye hyem no ma asafo no muni biara a ɔpɛ bi no.
◼ Esiane sɛ dapɛn awiei anum na ɛwɔ October mu nti, ɛyɛ bere pa a yebetumi de ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no.
◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no fi ase kra 2005 Ɔwɛn-Aban ne Awake! “bound volumes” ne Watchtower Library—2005 Edition a ɛwɔ CD-ROM so no ka nhoma a edi hɔ a wɔbɛkra no ho. Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nso sɛ nnipa a wɔabɔ asu wɔ asafo no mu na mubetumi akra Watchtower Library—2005 Edition no ama wɔn, na wɔde fa asafo no nkutoo so.
◼ Wɔ 2006 ɔsom afe mu no, obiara a ɔbɛsom sɛ ɔkwampaefo boafo wɔ ɔsram a ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra mo asafo no mu no benya kwan akɔ nhyiam a ɔne akwampaefo yɛ no fã a edi kan wɔ dapɛn no mu no bi. Yɛhyɛ obiara a obetumi ayɛ saa no nkuran sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ nhyehyɛe titiriw yi mu.