Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/06 kr. 3
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2006
Yɛn Ahenni Som—2006
km 1/06 kr. 3

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma January: Mubetumi de nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii wɔ krataa a ne kɔla tumi sesa anaa ɛdodow so a wotintimii ansa na afe 1991 reba a mo asafo no wɔ bi ama. Sɛ ebi nni hɔ a, mubetumi de Monkɔ so Nwɛn! nhomawa no ama. February: Yɛde Bɛn Yehowa nhoma no na ɛbɛma. Mubetumi de Adiyisɛm Awiei nhoma no nso ama.

◼ Esiane sɛ dapɛn awiei anum na ɛwɔ April mu nti, ɛyɛ bere pa a yebetumi de ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no.

◼ Efi March no, baguam kasa foforo a amansin so ahwɛfo bɛma ne “Wubetumi Anya Asetra a Asomdwoe Wom Nnɛ—De Akosi Daa!”

◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no yɛ nhyehyɛe a ɛfata a wɔde bɛyɛ afe yi Nkaedi no Wukuda, April 12, bere a owia akɔtɔ. Ɛwom sɛ mubetumi afi ɔkasa no ase ntɛm de, nanso ɛnsɛ sɛ mode bobesa ne abodoo no fa nnipa no anim kosi sɛ owia bɛtɔ ansa. Ɛnsɛ sɛ ɔkasa no, abodoo ne bobesa a wɔde bɛfa nnipa no anim nso di boro simma 45. Ɛwom sɛ eye sɛ asafo biara bɛyɛ ne Nkaedi de, nanso ɛnyɛ bere nyinaa na wobetumi ayɛ no saa. Baabi a asafo dodow bi hyiam wɔ Ahenni Asa biako so no, ebia asafo biako anaa abien betumi akogye ɔdan foforo de adi afahyɛ no saa anwummere no. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, bere a asafo biako awie dwumadi no, momma bɛyɛ simma 40 ntwam ansa na asafo foforo afi ne de ase sɛnea ɛbɛyɛ a obiara benya afahyɛ no so mfaso kɛse. Ɛsɛ sɛ mususuw kar dodow a ɛbɛwɔ kwan so, baabi a mode kar besisi, baabi a kar begyina ma nkurɔfo asi anaa wɔaforo nso ho. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no yɛ nhyehyɛe a ɛbɛyɛ papa ama mo asafo no.

◼ Bere biara a woreyɛ nhyehyɛe atu kwan akɔ ɔman foforo so a wobɛpɛ sɛ wokɔ asafo nhyiam, ɔmansin nhyiam, anaa ɔmantam nhyiam, na wopɛ sɛ wuhu nna, mmere ne mmeae a wɔyɛ nhyiam horow yi no, ɛsɛ sɛ wokyerɛw Betel adwumayɛbea a ɛhwɛ saa ɔman no adwuma so no bisa ho asɛm. Wɔatintim Betel adwumayɛbea ahorow no address wɔ kratafa a etwa to wɔ Yearbook foforo no mu.

◼ Ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɛhwehwɛ Ghana Betel no yɛ wɔn nsrahwɛ no ho nhyehyɛe wɔ dapɛn no mu (efi Dwoda kosi Fida) mmom sen sɛ wɔbɛba Memeneda anɔpa. Eyi betumi ama wɔahwehwɛ Betel adwumayɛbea hɔ yiye. Wɔde nkurɔfo kyinkyin hwehwɛ hɔ efi anɔpa 9:00 kosi 11:00 ne awia 1:30 kosi 3:30. Ɛwom, obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛhwehwɛ hɔ Memeneda anɔpa no betumi aba. Nanso wɔrentumi mfa wɔn nkyinkyin hɔ yiye efisɛ Betel abusua no mufo pii de saa bere no kɔ asɛnka anaa wɔyɛ teokrase dwumadi afoforo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena