Awofo—“Monkyekye Mo Fie”
1Awofo pii yɛ adwumaden ma wɔn adɔfo nya honam fam nneɛma. Nanso asɛyɛde a ehia paa ne sɛ wode w’abusua honhom fam ahiade bɛma wɔn. Mmebusɛm 24:27 ka sɛ: “Siesie w’adwuma wɔ baabi, . . . na ɛno akyi woakyekye wo fi.” Awofo bɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi?
2 Awofo a wɔwɔ nhumu hwɛ sɛnea wɔn mma susuw nsɛm ho ne sɛnea wɔyɛ wɔn ade na ama wɔahu nea ehia paa a wɔde bɛboa wɔn wɔ honhom fam. (Mmeb. 24:3) So wo mma renya nkɔso a ɛbɛma wɔabɛyɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu anaasɛ wɔabɔ asu? So honam fam adedodow na wodi akyi anaa nhomasua a ɛkɔ akyiri ne ade a ehia wɔn paa? So wɔmfɛre sɛ wɔn atipɛnfo behu wɔn sɛ wɔrekɔ asɛnka? So wɔn ani gye abusua Bible akenkan ne adesua ho? Sɛ wohwɛ ade yiye a, wubehu nea wubetumi ayɛ de aboa abusua no muni biara ma wanya honhom fam su ahorow.—Mmeb. 20:5.
3 Abusua Adesua a Wɔyɛ no Daa: Sɛ́ awofo a mususuw nneɛma ho yiye no, montra ase mfa yɛn nhoma ahorow no mu nsɛm a ɛfa mo abusua ahiade ho tẽẽ no nsiesie mo mma honhom fam aduan a wobedi. Munni kan ka nea mubesua no ho asɛm kyerɛ wɔn ma wonsiesie wɔn ho. Sɛ moresua ade a, da ɔdɔ adi na ma adesua no nyɛ anika. Ma asɛm no mfa abusua no ahiade pɔtee ho bere a wonka abusua no muni biara anim. Ma obiara mfa ne ho nhyem na boa wɔn nyinaa ma wonhu sɛnea Yehowa Asɛm fa tebea no biara ho.—Dw. 19:7.
4 Ɛsɛ sɛ awofo hwɛ sɛ wɔbɛyɛ wɔn abusua adesua no dapɛn biara, na sɛ wɔn mma a wɔmmɔɔ asu ka adesua no ho a, ɛsɛ sɛ wobu adesua no ho akontaa. (Hwɛ Nhyehyɛe nhoma no, kratafa 87.) Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo ne asomfo yɛ nhwɛso pa wɔ abusua adesua a wɔbɛyɛ no daa no ho, de kyerɛ sɛ ‘wodi wɔn ankasa fie so yiye’ ampa.—1 Tim. 3:4.
5 Egye bere ne mmɔdenbɔ na ama wɔakyerɛ mmofra Yehowa akwan. Monam nkɔmmɔ a mobɔ daa ne suban pa a moda no adi so bɛyɛ nhwɛso de akyerɛkyerɛ mo mma. (Deut. 6:6-9; Mmeb. 22:6) Mommɔ mpae mfa nhwehwɛ Yehowa akwankyerɛ, na mommia mo ani mfa ‘nkyekye mo afie.’—Mmeb. 24:27; Efe. 6:4.