Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma March: Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No. Sɛ ebinom ka sɛ wonni mma a, fa Abusua mu Anigye nhoma no ma wɔn. April: Momfa nhoma foforo, Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no mma. Mommɔ mmɔden sɛ mode befi Bible adesua ase. May ne June: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma no mma.
◼ Esiane sɛ dapɛn awiei anum na ɛwɔ April mu nti, ɛyɛ bere pa a yebetumi de ayɛ akwampaefo boafo adwuma no.
◼ Yɛbɛyɛ Nkaedi no Wukuda, April 12, 2006. Sɛ moyɛ asafo nhyiam Wukuda a, ɛsɛ sɛ mode hyɛ dapɛn no mu da foforo a mo Ahenni Asa no da hɔ kwa. Sɛ eyi ntumi nyɛ yiye na sɛ mo Ɔsom Nhyiam no bɛkam a, mubetumi de dwumadi no afã horow a ɛfa mo asafo no ho titiriw no aka Ɔsom Nhyiam foforo ho.
◼ Sɛ asafo no nsa ka Ɔwɛn-Aban ne Awake! foforo a, ɛsɛ sɛ wɔkyekyɛ no ntɛm ara. Eyi bɛma adawurubɔfo ahu emu nsɛm yiye ansa na wɔde nsɛmma nhoma no ama wɔ asɛnka mu. Sɛ Yɛn Ahenni Som no ba a, ɛsɛ sɛ mode ɛno nso ma adawurubɔfo no ntɛm ara. Mubetumi afa Asafo Nhoma Adesua nhyehyɛe no so akyekyɛ.
◼ Yebesusuw Noah—He Walked With God video no ho wɔ May Ɔsom Nhyiam ase. Sɛ wuhia bi a, ɛsɛ sɛ wofa mo asafo no so kra bi ntɛm ara.
◼ Betel nni nhoma a adawurubɔfo mmiako mmiako kra ho dwuma. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no yɛ nhyehyɛe ma wɔde nkaebɔ ma ɔsram biara ansa na wɔde krataa a asafo no de kra nhoma ɔsram biara no aba Betel, na ama obiara a ɔpɛ sɛ ne nsa ka n’ankasa nhoma no atumi aka ho asɛm akyerɛ onua a ɔhwɛ nhoma so no. Yɛsrɛ sɛ momma nhoma a wɔkra ma wɔn a wobisa nkutoo no ntra mo adwenem.
◼ Wɔrekae ahwɛfo guamtrafo sɛ wɔnyɛ nsakrae a ehia na ama wɔatumi asusuw ɔmansin nhyiam anaa da koro nhyiam titiriw dwumadi no ho ansa na wɔakɔ nhyiam no. Ɛsɛ sɛ mususuw nhyiam dwumadi mu ntimu no ho wɔ nhyiam no akyi pɛɛ. Yɛsrɛ sɛ munni akwankyerɛ a wɔde mae wɔ August 2004 Yɛn Ahenni Som no kratafa 4 no so.
◼ Bere biara a woreyɛ nhyehyɛe atu kwan akɔ ɔman foforo so a wobɛpɛ sɛ wokɔ asafo nhyiam, ɔmansin nhyiam, anaa ɔmantam nhyiam, na wopɛ sɛ wuhu nna, mmere ne mmeae a wɔyɛ nhyiam horow yi no, ɛsɛ sɛ wokyerɛw Betel adwumayɛbea a ɛhwɛ ɔman no adwuma so no bisa ho asɛm. Wɔatintim Betel adwumayɛbea ahorow no address wɔ Yearbook foforo no akyi.