Nkaedi Ho Nkaebɔ
Afe yi Nkaedi afahyɛ no si Wukuda, April 12. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hyɛ nsɛm a edidi so yi nsow.
◼ Sɛ morehyɛ bere a mode behyiam no a, monhwɛ sɛ owia bɛtɔ ansa na wɔde abodoo ne bobesa no afa nnipa no anim.
◼ Ɛsɛ sɛ moka bere pɔtee ne beae a mubedi afahyɛ no kyerɛ obiara, a ɔkasafo no nso ka ho.
◼ Ɛsɛ sɛ munya abodoo ne bobesa a ɛfata sisi hɔ.—Monhwɛ February 15, 2003, Ɔwɛn-Aban, kratafa 14-15.
◼ Ɛsɛ sɛ mudi kan de mprɛte, glass ne ɔpon so tam a ɛfata kɔ asa no so kɔhyehyɛ. Bere a ɔkasa no rekɔ so no, ɛnsɛ sɛ wɔkata abodoo ne bobesa no so.
◼ Ɛsɛ sɛ mpanyimfo san kenkan March 2004 Yɛn Ahenni Som, kratafa 3, nkyekyɛm 3 kosi 5 no bere a moresiesie Ahenni Asa no so anaa beae foforo a mubehyiam no sɛnea ɛbɛyɛ a ɛhɔ asiesie no bɛyɛ kama na afata. Ɛsɛ sɛ mudi kan siesie hɔ fɛfɛɛfɛ.
◼ Ɛsɛ sɛ mudi kan paw wɔn a wobegye ahɔho ne wɔn a wɔde abodoo ne bobesa no bɛfa nnipa no anim no na mokyerɛ wɔn nnwuma a wɔbɛyɛ, ɔkwampa a wɔbɛfa so ayɛ no, ne hia a ehia sɛ wosiesie wɔn ho ma ɛfata.
◼ Ɛsɛ sɛ moyɛ nhyehyɛe de abodoo ne bobesa no bi kɔma wɔn a wɔasra wɔn no mu biara a ahoɔden a onni nti ontumi mma no.
◼ Sɛ asafo abien anaa nea ɛboro saa na wobehyiam wɔ Ahenni Asa koro so a, ɛnsɛ sɛ dwumadi a edi kan no di boro bere a ɛsɛ sɛ wɔde wie no so. Ɛsɛ sɛ nkitahodi pa kɔ so wɔ asafo ahorow no ntam na wɔankyere so sɛnea ɛnsɛ wɔ abrannaa no so anaa apon no ano, anammɔn kwan a wɔfa so, ne beae a wɔde kar sisi no.