Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/06 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2006
Yɛn Ahenni Som—2006
km 4/06 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma yɛde bɛma April: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden sɛ mode befi Bible adesua ase. Sɛ woresan akɔsra anigyefo a, kɔ wɔn a wɔbaa Nkaedi anaa asafo no dwumadi foforo ase nanso wɔne yɛn mmɔ kɛse no nso nkyɛn. Bɔ mmɔden sɛ wode nhoma foforo, Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no bɛma. Fa yɛ wo botae sɛ wode saa nhoma no befi Bible adesua ase. May ne June: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma no mma. Sɛ woreyɛ sankɔhwɛ a, fa Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no ma. July: Fa nhomawa biara a ekura kratafa 32 a mowɔ bi no ma.

◼ Ɛsɛ sɛ asafo mu akyerɛwfo nya Application for Regular Pioneer Service (S-205) ne Application for Auxiliary Pioneer Service (S-205b) nkratasin a ɛdɔɔso gu hɔ. Wobetumi de Literature Request Form (S-14) no akra bi. Anyɛ yiye koraa no ɛsɛ sɛ munya nea ɛbɛso mo afe biako gu hɔ. Monhwɛ nhu sɛ moahyehyɛ daa akwampaefo akwammisa nkratasin no awie koraa ansa na mode aba Betel.

◼ Ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɛhwehwɛ Ghana Betel no yɛ wɔn nsrahwɛ no ho nhyehyɛe wɔ dapɛn no mu (efi Dwoda kosi Fida) mmom sen sɛ wɔbɛba Memeneda anɔpa. Eyi betumi ama wɔahwehwɛ Betel adwumayɛbea hɔ yiye. Wɔde nkurɔfo kyinkyin hwehwɛ hɔ anɔpa 9:00; 10:00; 11:00. ne awia 1:30; 2:30; 3:30. Ɛwom, obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛhwehwɛ hɔ Memeneda anɔpa no betumi aba. Nanso wɔrentumi mfa wɔn nkyinkyin hɔ yiye efisɛ Betel abusua no mufo pii de saa bere no kɔ asɛnka anaa wɔyɛ teokrase dwumadi afoforo.

◼ Wɔrekae ahwɛfo guamtrafo sɛ wɔnyɛ nsakrae a ehia na ama wɔatumi asusuw ɔmansin nhyiam anaa da koro nhyiam titiriw dwumadi a wɔbɛyɛ a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ December 2005 Yɛn Ahenni Som mu no ho ansa na wɔakɔ nhyiam no. Sɛ mufi nhyiam no ba nso a, ɛsɛ sɛ mususuw dwumadi no ho wɔ nhyiam no akyi pɛɛ. Munni akwankyerɛ a wɔde mae wɔ August 2004 Yɛn Ahenni Som no kratafa 4 no so.

◼ Ɛho hia sɛ Betel adwumayɛbea no nya ahwɛfo guamtrafo ne akyerɛwfo nyinaa address ne telefon nɔma a wɔda so ara de di dwuma no. Bere biara a wɔbɛsakra no no, ɛsɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no kyerɛw krataa de bɔ Betel adwumayɛbea no amane ntɛm ara. Nɔma a edi telefon nɔma anim a wɔsakra no nso ka ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena