Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/06 kr. 8
  • Nhwɛso Pa Ma Mpanyin ne Mmofra

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhwɛso Pa Ma Mpanyin ne Mmofra
  • Yɛn Ahenni Som—2006
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔne “Nokware Nyankopɔn Nantewee”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Obiara Betumi Asua Biribi Afi Noah—He Walked With God Video no Mu
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Ɔne “Nokware Nyankopɔn Nantewee”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2006
km 5/06 kr. 8

Nhwɛso Pa Ma Mpanyin ne Mmofra

Noa ne Nyankopɔn nyaa abusuabɔ pa. Ɔde ne nkwa nna nyinaa yɛɛ Yehowa apɛde. Ɔne “Onyankopɔn nantewee” na ɔnam saayɛ so nyaa ne hɔ nhyira. Ɛsɛ sɛ mpanyin ne mmofra nyinaa suasua Noa nhwɛso pa no. (Gen. 6:9) Noah—He Walked With God video no bɛboa wo ma woatwa sɛnea na Noa asetra te ho mfonini wɔ w’adwenem, nea enti a onyaa Yehowa hɔ nhyira, ne sɛnea wubetumi asuasua ne nhwɛso pa no.

Wɔayɛ Noah video no agu DVD so na wɔde nsɛmmisa a wode bɛsɔ w’adwene ahwɛ nso aka ho. Hwɛ video no na bisabisa wo ho nsɛm yi: (1) Nneɛma bɔne bɛn na abɔfo bi yɛe, na na henanom ne Nefilim no? (Gen. 6:1, 2, 4) (2) Dɛn na ɛmaa nkurɔfo yɛɛ nneɛma bɔne saa, na Onyankopɔn tee nka dɛn wɔ ho? (Gen. 6:4-6) (3) Ɔkwan bɛn so na na Noa da nsow wɔ nnipa a aka no ho? (Gen. 6:22) (4) Ɔkwan bɛn so na wɔsɛe abɔnefo no? (Gen. 6:17) (5) Ná adaka no kɛse te dɛn? (Gen. 6:15) (6) Dɛn bio na Noa yɛe, na nnipa no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ ho? (Mat. 24:38, 39; 2 Pet. 2:5) (7) Ná mmoa a wɔwɔ adaka no mu biara dodow yɛ ahe? (Gen. 7:2, 3, 8, 9) (8) Nna ahe na osu no tɔe, na edii nna ahe ansa na nsu no retwe afi asase so? (Gen. 7:11, 12; 8:3, 4) (9) Dɛn nti na Noa ne n’abusua no nyaa nkwa? (Gen. 6:18, 22; 7:5) (10) Ɛhefa na adaka no kosii? (Gen. 8:4) (11) Ɛyɛɛ dɛn na Noa hui sɛ obetumi afi adaka no mu apue a ɔrenhyia ɔhaw biara? (Gen. 8:6-12) (12) Dɛn na Noa yɛe bere a ofii adaka no mu no? (Gen. 8:20-22) (13) Nyankontɔn no gyina hɔ ma dɛn? (Gen. 9:8-16) (14) Sɛ́ wo ne ‘Onyankopɔn bɛnantew’ no kyerɛ dɛn? (Gen. 6:9, 22; 7:5) (15) Sɛ yebehu Noa wɔ Paradise a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (Mat. 28:19, 20; 1 Pet. 2:21)

Dɛn na Bible mu kyerɛwtohɔ a ɛfa ɔnokwafo Noa a ɔyɛɛ osetie ho no akyerɛ wo wɔ sɛnea wo nso wubetumi ne ‘Onyankopɔn anantew,’ na woanya tumi a Yehowa wɔ sɛ ogye ne nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no mu ahotoso?—Gen. 7:1; Mmeb. 10:16; Heb. 11:7; 2 Pet. 2:9.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena