Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/06 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2006
Yɛn Ahenni Som—2006
km 12/06 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Mubetumi de The Bible—God’s Word or Man’s?, Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm anaa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So a mo asafo no wɔ bi nso ama. January: Mubetumi de nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii wɔ krataa a etumi dodow so anaa wotintimii ansa na afe 1991 reba a mo asafo no wɔ bi ama. February: Momfa Bɛn Yehowa nhoma no mma. March: Momfa Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no mma na mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase.

◼ Wɔakyerɛ baabi foforo a yebehu dwumadi a egyina Reasoning nhoma no so no mu dodow no ara wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Ho Nhyehyɛe Ma Afe 2007 no mu. Ɛsɛ sɛ wɔn a wontumi nkenkan Borɔfo kasa no de eyi di dwuma. Nhoma ahorow a egyina so ne nhoma no din a wɔatwa no tiawa na edidi so yi: Bible Kyerɛkyerɛ (bh); Ɔkwan a Ɛkɔ Daa Nkwa mu No (ol); Onipa a Ɔsen Biara (gt); Monkɔ so Nwɛn! (kp); Amansan Nhoma (ba); So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho? (dg); Hwehwɛ (sh); Nimdeɛ (kl); Kratawa T-13.

◼ Ɔsom Afe Amanneɛbɔ: Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛbɔ mo amanneɛ sɛ yenyaa Ahenni adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara 80,084 wɔ August mu. Eyi boro afe a etwaam de no so 100 mu nkyem 4. Ɛhyɛ nkuran sɛ mubehu sɛ nnipa 3,375 na wɔbɔɔ asu wɔ ɔsom afe a etwaam no mu. Yetumi de nsɛmma nhoma dodow a ɛsen biara 298,360 mae wɔ August mu. Afei nso sɛ yekyɛm pɛpɛɛpɛ a, ɔdawurubɔfo biara de nnɔnhwerew 12.7 na ɛkaa asɛm no. Bere a yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛboa mmofra ne yɛn ankasa mma no, yebetumi ahwɛ kwan sɛ wɔn mu pii behyira wɔn ho so abɔ asu. Yɛpɛ sɛ yɛkamfo mo nyinaa wɔ adwumaden a moyɛe wɔ asɛnka adwuma no mu ne mo kyerɛwtohɔ a mode baa ntɛm no ho. Yɛhyɛ asafo mu akyerɛwfo nkuran sɛ wɔnkɔ so mfa ɔsram biara asɛnka akontaabu mmra ntɛm. Bere a yɛreyɛ adwumaden wɔ ɔsom afe foforo yi mu no, ɛmmra sɛ ‘amanneɛbɔ pa’ yi bɛhyɛ adawurubɔfo nyinaa, mpanyin ne mmofra nkuran.—Mmeb. 25:25.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena