So April Bɛyɛ Ɔsram a Ɛda Nsow?
1 Ná 1963 yɛ afe a ɛda nsow ma Yehowa nkurɔfo. Wunim nea enti? Saa bere no na adawurubɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa dodow duu ɔpepem biako. Sɛ na wowɔ nokware no mu saa bere no a, ebia wobɛkae sɛnea yɛn ani gyei sɛ yɛanya nnipa pii ma wɔreka Ahenni asɛm no! Ɛnnɛ, adawurubɔfo bɛboro ɔpepem asia na wɔwɔ wiase nyinaa, na bɛboro 80,000 na wɔwɔ ɔman yi mu nkutoo. Nanso, ɔsram biara, sɛ yɛkyekyem pɛpɛɛpɛ a, Ghana adawurubɔfo 3,000 na wɔmfa wɔn asɛnka akontaabu mma.
2 Siesie Wo Ho Ma Dwumadi No: February 2007 Yɛn Ahenni Som no kae sɛ wɔ April mu no, yɛpɛ sɛ yenya akwampaefo aboafo 12,000 wɔ ɔman yi mu. Bio nso, yɛrebɔ mmɔden sɛ ebedu April mu no na yɛanya adawurubɔfo dodow a ɛsen biara 85,000. So ɛbɛyɛ den sɛ yebenya? Sɛ yɛn nyinaa de yɛn asɛnka akontaabu ba ntɛm na yɛboa wɔn a wɔyɛ foforo a wɔfata no ma wɔbɛyɛ adawurubɔfo a, yebetumi anya. Sɛ yetumi du ho a, April bɛyɛ ɔsram a ɛda nsow ampa! Sɛ yɛn nyinaa yɛ yɛn fam de a, yebetumi adu eyi ho.
3 Wɔn a wɔreyɛ nhyehyɛe akodi akwamma anaa wɔretu kwan no betumi de bere bi ayɛ asɛnka adwuma no ansa na wɔakɔ. Fa nkratawa, nhomawa, anaa nsɛmma nhoma bi hyɛ wo ho sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi adi nnipa a wuhyia wɔn no adanse. Afei nso, sɛ wudu baabi a worekɔ no a, wubetumi ne hɔnom adawurubɔfo no ayɛ asɛnka adwuma no.
4 Sɛ woaka dan mu a, wubetumi anya kyɛfa wɔ asɛnka adwuma no mu ara. Ebia wubetumi adi nnuruyɛfo, ayarehwɛfo, anaasɛ wɔn a wɔbɛsra wo no adanse. Wonam nkrataakyerɛw ne telefon so nso betumi adi adanse. Mpanyimfo no betumi aboa wɔn a wɔyare no ma wɔde anyɛ yiye koraa simma 15 abu wɔn asɛnka ho akontaa.
5 Akyinnye biara nni ho sɛ ebinom behia mmoa na ama wɔanya asɛnka adwuma no mu kyɛfa wɔ April mu. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo, asafo mu asomfo, ne nhoma adesua so ahwɛfo yɛ nhyehyɛe na wɔde saa mmoa yi ama. Sɛnea ɛte biara no, mma wo werɛ mmfi sɛ wode w’asɛnka adwuma ho akontaabu bɛma ntɛm wɔ ɔsram no awiei sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkan wo aka adawurubɔfo ho wɔ April mu.
6 Ma W’ani Nsɔ Hokwan No: Asɛnka adwuma no yɛ ‘adepa a wɔde ahyɛ yɛn nsa.’ (2 Tim. 1:14) Yɛn ani sɔ hokwan a wɔde ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnka asɛmpa no. (1 Tes. 2:4) Sɛ yesusuw biribiara a Yehowa ayɛ ama yɛn ho a, ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛkɔ so nya adwuma a ɛho hia sen biara yi mu kyɛfa afe mũ no nyinaa. Ɛnsɛ sɛ yɛma kwan ma biribiara siw yɛn kwan sɛ yɛbɛka asɛm no daa. Momma yɛmma April yi nyɛ ɔsram a ɛda nsow wɔ Yehowa som mu, na yensi nketekrakye sɛ yebedi ne ho adanse ɔsram biara wɔ ɛno akyi!—Dw. 34:1.