Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ April 30, 2007, no mu. Sukuu sohwɛfo no de simma 30 bɛyɛ ntĩmu a egyina March 5 kosi April 30, 2007 adapɛn no mu no so. [Hyɛ no nsow: Sɛ wɔamfa beae a asɛm no fi anhyɛ asɛmmisa no akyi a, ebehia sɛ woyɛ w’ankasa nhwehwɛmu de pɛ mmuae no.—Hwɛ Ɔsom Sukuu, kr. 36-37.]
ƆKASA SU
1. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛw nsɛm kakraa bi pɛ wɔ kratasin a yɛhwɛ so ma ɔkasa no so? [be-TW kr. 168 nky. 4]
2. Kyerɛ akwan anan a yebetumi afa so aka yɛn nsɛm ma adidi so pɛpɛɛpɛ. [be-TW. kr. 170 nky. 3–kr. 172 nky. 4]
3. Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae bere a yɛresusuw nneɛma a yɛpɛ sɛ yɛka ho asɛm wɔ ɔkasa bi mu no? [be-TW kr. 173 nky. 1-2]
4. Mfaso a ɛwɔ ɔkasa a wɔnhwɛ krataa so nkenkan so no bi ne dɛn? [be-TW kr. 175 nky. 2-4]
5. Dɛn nti na ɔkasa a wɔma no nkɔmmbɔ kwan so ho hia, na yɛbɛyɛ dɛn atumi akasa wɔ saa kwan yi so? [be-TW kr. 179 nky. 4, adaka; kr. 180, adaka]
DWUMADI 1
6. Sɛ wɔma onua bi dapɛn biara Bible akenkan mu nsɛntitiriw dwumadi a, ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ ɔfa so siesie dwumadi no? [be-TW kr. 47 nky. 3-4]
7. Dɛn na ɛho hia koraa wɔ Kristo agyede no ho sen ɛso mfaso a yenya no? [w05-TW 11/1 kr. 14 nky. 1]
8. Sɛ worema baguam ɔkasa a, wobɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a wɔatwe adwene asi so mu? [be-TW kr. 53 nky. 1-2]
9. Atirimpɔw bɛn na na Yesu wɔ bere a na ɔkyerɛkyerɛ no, na yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua no? [be-TW kr. 57 nky. 1]
10. Dɛn nti na ɛfata sɛ yɛyɛ ntotoho bere a yɛrekyerɛkyerɛ no? [be-TW kr. 57 nky. 3-4]
DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN
11. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de afotu a ɛwɔ Yeremia 6:16 a ɛka sɛ yɛnnantew “tete atempɔn no, nea ɔkwan pa no wɔ” no so ayɛ adwuma?
12. Dɛn nti na asukɔnkɔn na Yehowa de no yɛɛ nhwɛso maa Yudafo a wɔanni nokware no, na dɛn na yebetumi asua afi asɛm yi mu? (Yer. 8:7)
13. Adwene bɛn na Yeremia 15:17 ma yenya wɔ anigyede ho nnɛ?
14. Ɔkwan bɛn so na nnipa te sɛ dɔte wɔ Yehowa, Ɔnwemfo Kɛse no nsam? (Yer. 18:5-11)
15. Ɔkwan bɛn so na sɛnea wabobɔ aman no din nnidiso nnidiso wɔ Yeremia 25:17-26 no fa yɛn bere yi ho?