Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/07 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2007
Yɛn Ahenni Som—2007
km 5/07 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma May: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Awake! mma. Sɛ moresan akɔsra anigyefo a, monkɔ wɔn a wɔbaa Nkaedi anaa asafo no dwumadi foforo ase nanso wɔne yɛn mmɔ kɛse no nso nkyɛn. Momfa mo adwene nsi Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no a mode befi Bible adesua ase so. June: Momfa Creator nhoma no anaa Abusua Mu Anigye nhoma no mma. July ne August: Momfa nhomawa biara a ekura nkratafa 32 mma.

◼ Sɛ yɛde krataa a wɔde yi sika (kyɛk) reyi ntoboa de aboa wiase nyinaa adwuma no wɔ ɔmantam nhyiam ase anaa sɛ yɛde rekɔ Betel a, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛw so sɛ wontua mma “Watch Tower.” Betel adwumayɛbea no fã a ɛhwɛ sika so no address yɛ Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana, P. O. Box GP 760, ACCRA.

◼ Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no san kenkan krataa a wɔkyerɛw no October 6, 2006 a ɛfa ahosiesie a wɔbɛyɛ ama asiane ho no, na wɔhwɛ hu sɛ wɔwɔ ɔdawurubɔfo biara ho nsɛm a entwaam. Wɔ mmeae a asiane taa sisi no, ɛsɛ sɛ wogye nnipa afoforo a wobetumi ne wɔn adi nkitaho wɔ tebea a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma ntɛm mu ho nsɛm fi adawurubɔfo hɔ. Nokwasɛm ne sɛ, wɔ tebea a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma ntɛm akyi no, mfaso wɔ so sɛ, sɛ adawurubɔfo betu kwan akodi nna pii, sɛ ebia wɔrekodi akwamma anaa wɔrekɔyɛ honam fam adwuma anaa wobegye wɔn ato ayaresabea ne nea ɛkeka ho a, ɛsɛ sɛ wɔka kyerɛ wɔn Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo anaa ɔpanyin foforo.

◼ Nhyehyɛe foforo a wɔayɛ a ɛbɛma wɔde asafo ahorow nhoma a wɔakra no afi Britain aba tẽẽ no afi ase dedaw. Eyi kyerɛ sɛ wɔrenkora nhoma no bi so wɔ Betel a sɛ obi hia bi na ɔba ha a obenya. Enti sɛ wɔka sɛ asafo no mu adawurubɔfo nkra nhoma a wohia ɔsram biara a, ɛsɛ sɛ wɔkra. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔhwɛ nhoma so ne asafo mu akyerɛwfo no hwɛ sɛ wobedi nhoma a anuanom hia no ho dwuma ntɛm ara. Sɛ asafo bɛboro biako na wohyiam wɔ Ahenni Asa biako so a, ɛsɛ sɛ nea ɔhwɛ nhomakra so no hwɛ hu sɛ wadi asafo ahorow NYINAA a ɔkra nhoma ma wɔn no ahiade ho dwuma ama wɔn. Sɛ yɛkra nhoma na yɛhyehyɛ wɔ S-14 no so de brɛ Betel ntɛm a, ɛbɛma yɛn nsa aka yɛn nneɛma ntɛm.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena