Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/07 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2007
Yɛn Ahenni Som—2007
km 11/07 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma November: Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No. Sɛ afiewuranom ka sɛ wonni mma a, momfa Monkɔ so Nwɛn! nhomawa no mma wɔn. December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Anaa mubetumi de Bɛn Yehowa anaa Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma no ama. January: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a ne krataa no adodow anaa nhoma biara a wotintimii ansa na 1991 reba. Asafo ahorow a wonni nhoma a ɛte saa bi no betumi de Nimdeɛ nhoma no (sɛ wɔwɔ bi a) ama anaa wobetumi de Monkɔ so Nwɛn! nhomawa no ama. February: Is There a Creator Who Cares About You? anaa Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba.

◼ Esiane sɛ adapɛn awiei anum na ɛwɔ December mu nti, ɛyɛ bere pa a yebetumi de ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no.

◼ Wɔayɛ Bible ho nhoma ahorow sɛ wɔmfa nni nnipa a wofi aman ahorow so ne wɔn a ɛsono ɔsom a wɔwom no adanse. Onua a ɔhwɛ nhoma so no wɔ nhoma ahorow a ɛboa yi din.

◼ Sɛ yɛde krataa a wɔde yi sika (kyɛk) reyi ntoboa de aboa wiase nyinaa adwuma no wɔ ɔmantam nhyiam ase anaa sɛ yɛde rekɔ Betel a, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛw so sɛ wontua mma “Watch Tower.” Betel adwumayɛbea no fã a ɛhwɛ sika so no address yɛ Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana, P. O. Box GP 760, ACCRA.

◼ Sɛ adawurubɔfo nnya nhyehyɛɛ akwahosan sohwɛ tumi krataa (DPA) no dedaw a, yɛhyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ saa. DPA kratasin no bɔ hokwan a wowɔ sɛ wunnye mogya no ho ban. Asafo mu mpanyimfo de mmoa bɛma wɔn a wohia no.—Hwɛ krataa a ɛhyɛ December 2006 Yɛn Ahenni Som mu no.

◼ Ɛho nhia sɛ adawurubɔfo hyehyɛ Bible adesua biara a wɔyɛ wɔ ɔsram no mu no ho Study Report (S-3). Nanso ɛsɛ sɛ wɔkɔ so kyerɛw Bible adesua dodow a wɔyɛe no hyɛ baabi a ɛfata wɔ Field Service Report (S-4) no so. Efi nnɛ rekɔ, wɔde S-3 kratasin no bɛhyehyɛ nnipa dodow a wɔba asafo nhyiam no nkutoo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena