Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/07 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2007
Yɛn Ahenni Som—2007
km 12/07 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Anaa mubetumi de Bɛn Yehowa anaa Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma no ama. January: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a ne krataa no adodow anaa nhoma biara a wotintimii ansa na 1991 reba. Asafo ahorow a wonni nhoma a ɛte saa bi no betumi de Nimdeɛ nhoma no (sɛ wɔwɔ bi a) ama anaa wobetumi de Monkɔ so Nwɛn! nhomawa no ama. February: Is There a Creator Who Cares About You? anaa Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba. March: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase.

◼ Ɛsɛ sɛ obi a ɔhwɛfo guamtrani no apaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm ma September, October, ne November asram no mu. Ɛnsɛ sɛ wɔma onipa koro no ara yɛ sikasɛm mu nhwehwɛmu bere nyinaa. Sɛ wɔyɛ eyi wie a, mommɔ asafo no amanneɛ bere a moakenkan mo sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ awie no.—Monhwɛ Instructions for Congregation Accounting (S-27).

◼ Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow sɛ yɛbɛyɛ afe 2009 Nkaedi no Yawda, April 9, bere a owia akɔtɔ. Yɛredi kan de amanneɛbɔ yi ama sɛnea ɛbɛyɛ a anuanom betumi ahwehwɛ asa ahorow ato hɔ wɔ baabi a asafo pii hyiam wɔ Ahenni Asa biako so a ebehia sɛ wɔhwehwɛ adan foforo no.

◼ Ɛho nhia sɛ moyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam wɔ nnawɔtwe a mobɛkɔ ɔmantam nhyiam no mu. Sɛ Ɔsom Nhyiam no afã horow bi ho hia asafo no a, ɛsɛ sɛ ahwɛfo aguamtrafo no yɛ nsakrae a ɛfata na wɔyɛ ansa na wɔakɔ anaasɛ wɔkɔ ba a wɔayɛ. (km-TW 11/06 Nkaebɔ) Nanso ɛsɛ sɛ wɔyɛ Asafo Nhoma Adesua.

◼ Monhwɛ sɛ mode afe asɛm foforo no bɛbɔ Ahenni Asa no so wɔ January 1. Momfa Afe Asɛm a Wɔatintim a Betel de abrɛ mo no mmɔ hɔ. (Hwɛ Nkaebɔ a ɛwɔ August Yɛn Ahenni Som mu no.) Afe asɛm no ne: ‘Munnyina pintinn, na monhwɛ Yehowa nkwagye.’—Exodus 14:13.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena