Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/08 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2008
Yɛn Ahenni Som—2008
km 1/08 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma January: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a ne krataa no adodow anaa nhoma biara a wotintimii ansa na 1991 reba. Asafo ahorow a wonni nhoma a ɛte saa bi no betumi de Nimdeɛ nhoma no (sɛ wɔwɔ bi a) ama anaa wobetumi de Monkɔ so Nwɛn! nhomawa no ama. February: Is There a Creator Who Cares About You? anaa Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba. March: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase. April ne May: Ɔwɛn-Aban ne Awake! Yɛbɛyɛ nhyehyɛe soronko akɔsra anigyefo foforo a wɔbaa Nkaedi no na wobetiee ɔkasa titiriw no nanso wɔne asafo no mmɔ kɛse no. Nsrahwɛ a ɛtete saa no atirimpɔw ne sɛ yɛne wɔn a wɔne obiara nyɛ Bible adesua no befi bi ase.

◼ Esiane sɛ dapɛn awiei anum na ɛwɔ March mu nti, ɛyɛ bere pa a yebetumi de ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no.

◼ Efi March no, baguam ɔkasa foforo a amansin so ahwɛfo bɛma ne “Ɛhe na Wubetumi Anya Mmoa wɔ Ahohia Bere Mu?”

◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no yɛ nhyehyɛe a ɛfata a wɔde bɛyɛ afe yi Nkaedi no Memeneda, March 22, bere a owia akɔtɔ. Ɛwom sɛ mubetumi afi ɔkasa no ase ntɛm de, nanso ɛnsɛ sɛ mode bobesa ne abodoo no fa nnipa no anim kosi sɛ owia bɛtɔ ansa. Ɛsɛ sɛ asafo biara bɔ mmɔden sɛ wɔn ankasa bɛyɛ wɔn Nkaedi. Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na wobetumi ayɛ no saa. Baabi a asafo dodow bi hyiam wɔ Ahenni Asa biako so no, ebia asafo biako anaa abien betumi akogye ɔdan foforo de adi afahyɛ no saa anwummere no. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, bere a asafo biako awie dwumadi no, momma bɛyɛ simma 40 ntwam ansa na asafo foforo afi ne de ase sɛnea ɛbɛyɛ a obiara betumi ne afoforo anya fekubɔ wɔ Nkaedi no akyi. Ɛsɛ sɛ mususuw kar dodow a ɛbɛwɔ kwan so, baabi a mode kar besisi, baabi a kar begyina ma nkurɔfo asi anaa wɔaforo nso ho. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no yɛ nhyehyɛe a ɛbɛyɛ papa ama mo asafo no.

◼ Sɛ akuw bi a atew wɔn ho anaa mum kasa akuw bi hyɛ asafo bi ase a, wɔhyɛ asafo mu mpanyimfo nkuran sɛ wɔnyɛ nhyehyɛe mma akuw no mu biara nyɛ wɔn ankasa Nkaedi wɔ asasesin a wɔwom no mu. Sɛ anuanom a wɔfata wɔ hɔ a wobetumi ayɛ Nkaedi no ho nhyehyɛe a, ɛho nhia sɛ kuw no nyinaa twa kwan kɔka asafo no ho wɔ beae biako. Nhyehyɛe yi a wɔbɛyɛ ama akuw a atew wɔn ho anaa mum kasa akuw no bɛma nnipa pii atumi akɔ Nkaedi no. Nanso, ɛsɛ sɛ wɔyɛ kyerɛwtohɔ biako pɛ wɔ asafo no din mu. Sɛ munya Nkaedi no ho osuahu bi a ɛyɛ anigye a, asafo ɔsom boayikuw no betumi akyerɛw aba Betel.

◼ Ɛsɛ sɛ asafo mu akyerɛwfo hwɛ hu sɛ wɔwɔ wɔn asafo no mu ɔkwampaefo biara pioneer appointment letter (S-202). Sɛ ɛnte saa a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw Betel adwumayɛbea de bɔ wɔn amanneɛ.

◼ Sɛ worehyehyɛ daa akwampae akwammisa krataa no bi a, hwɛ sɛ wobɛhyehyɛ wɔ kratasin foforo a date yi, S-205 5/06 wɔ so no so. Ɛsɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no hwɛ akwammisa krataa no mu hwɛ sɛ wɔabua nsɛmmisa no nyinaa. Sɛ wɔn a wɔrebisa hokwan no ntumi nkae da pɔtee a wɔbɔɔ asu a, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn adwene bu da no na wɔyɛ ho kyerɛwtohɔ. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no kyerɛw da no gu Congregation’s Publisher Record (S-21) kratasin no so.

◼ Yɛn ani gye bere nyinaa sɛ yebegye anuanom kuw a wɔba bɛhwehwɛ Betel no fɛw so. Mmere a edidi so yi na mubetumi abɛhwehwɛ hɔ: Dwoda kosi Fida yɛ anɔpa 9:30, ne 10:30, awia 1:30 ne 3:00; Memeneda yɛ anɔpa 9:00 ne 10:30. Yɛhyɛ nyansa sɛ sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɛhwehwɛ Betel no yɛ wɔn nsrahwɛ no ho nhyehyɛe wɔ dapɛn no mu, efi Dwoda kosi Fida, bere a Betel dwumadibea ahorow no nyinaa reyɛ adwuma no. Sɛ nnipa bɛyɛ 20 anaa nea ɛboro saa pɛ sɛ wɔbɛhwehwɛ Betel a, ɛho hia sɛ wodi kan kyerɛw krataa brɛ: Bethel Office, Christian Congregation of Jehovah’s Witnesses, P. O. Box GP 760, Accra. Yɛsrɛ sɛ momma yenhu nnipa dodow, da no, ne bere a mode bɛba. Nanso, monnhwɛ kwan sɛ mubenya mo krataa no ho mmuae ansa na moaba. Ansa na mobɛba no, yɛsrɛ sɛ monkenkan Asɛmmisa Afã a ɛwɔ June 2002 Yɛn Ahenni Som mu ne Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no kratafa 138, a ɛfa ntadehyɛ ne ahosiesie a ɛfata bere a obi rebɛsra Betel ho no.

◼ Efi August 4, 2008 dapɛn no, asafo ahorow a wɔka Borɔfo kasa no besua Live With Jehovah’s Day in Mind nhoma no wɔ Asafo Nhoma Adesua ase. Esiane sɛ nhoma yi nni yɛn kasa ahorow mu nti, asafo ahorow a aka no nyinaa besua Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena