Krataa a Efi Sodikuw No Hɔ
Yɛn Mfɛfo Yehowa Adansefo:
Ɔsomafo Paulo de hokwan biara a onyae daa ɔdɔ ne anisɔ a ɔwɔ ma ne mfɛfo gyidifo no adi. Ɔkyerɛw kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Roma no sɛ: “Menam Yesu Kristo so da me Nyankopɔn ase wɔ mo nyinaa ho, efisɛ wɔka mo gyidi ho asɛm wɔ wiase mmaa nyinaa.” (Rom. 1:8) Nokwarem no, na wonim afeha a edi kan Kristofo no gyidi a ɛyɛ den ne nsi a na wɔde yɛ asɛnka adwuma no yiye wɔ Roma Ahemman no nyinaa mu. (1 Tes. 1:8) Ɛnyɛ nwonwa sɛ na Paulo dɔ ne nuanom saa!
Bere biara a yedwen mo ho no, yɛda Yehowa ase sɛnea Paulo yɛe no. Yɛdɔ mo nyinaa yiye! Na yɛpɛ sɛ munya awerɛhyem sɛ Yehowa nso dɔ mo nyinaa mmiako mmiako. Mo mu bi rehyia ɔtaa a emu yɛ den, nanso moda so ara ka asɛm no. Monhwɛ sɛnea akokoduru ne nsi a moda no adi no ma Yehowa koma ani gye fa!—Mmeb. 27:11.
Sɛ wotɔ wo bo ase kenkan Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ ho nsɛm a ɛyɛ anigye na ɛhyɛ gyidi den a ɛwɔ afe yi Yearbook mu na wudwennwen ho a, wubehu ampa ara sɛ Awurade Yesu Kristo afi adi ‘redi nkonim sɛ obewie ne nkonimdi koraa,’ na akodi biara a wɔbɔ tia Kristo akyidifo no renyɛ yiye.—Adi. 6:2; Yes. 54:17.
Paulo kyerɛw Kristofo a na wɔwɔ Filipi no sɛ: “Meda me Nyankopɔn ase . . . esiane mmoa a mode mae wɔ asɛmpa no ho” nti. (Filip. 1:3-5) Saa ara na yɛn a yɛyɛ Sodikuw no mufo no te nka wɔ mo ho. Wɔ afe 2007 ɔsom afe no mu no, adawurubɔfo 6,691,790 de nnɔnhwerew 1,431,761,554 kaa asɛmpa no wɔ nsase 236 so wɔ wiase nyinaa. Monhwɛ mmɔden ara a morebɔ de atrɛw asɛmpa no mu! Yɛn nyinaa mmɔdenbɔ nti, monhwɛ nnipa mpempem pii a yɛaboa wɔn. Eyi nyinaa hyɛ Yehowa anuonyam!
Bere foforo nso, Paulo kyerɛe sɛ ɔwɔ tema kɛse ma ne nuanom. Ɔkyerɛw wɔn a na wɔwɔ Tesalonika no sɛ: “Daa yɛkae . . . boasetɔ a yɛn Awurade Yesu Kristo mu anidaso nti moda no adi no, yɛn Nyankopɔn ne Agya anim.” (1 Tes. 1:2, 3) Nokwarem no, ɔhaw ahyɛ asetram ma. Yehyia ɔhaw ahorow, nanso ehia sɛ yegyina ano. Ɔhaw bɛn na worehyia? So w’abam abu esiane ɔyare a emu yɛ den bi a enti wuntumi nyɛ pii wɔ Yehowa som mu? So yɛn tamfo owu anaa asaman a ɛmmee da no afa wo dɔfo a wo ne no atra mfe pii no kɔ? (Mmeb. 30:15, 16) Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛka sɛ ɛsɛ sɛ woware wɔ Awurade mu nkutoo no nti, worehwehwɛ obi a ɔdɔ Yehowa aware no nanso ɛte sɛ nea wunnya bi? (1 Kor. 7:39) Ohia bebrebe nyinaa akyi no, worebɔ mmɔden sɛ wobɛtete wo mma? Ɛmfa ho sɛnea wo tebea te biara no, sɛ wode Ahenni nneɛma di kan a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ‘werɛ remfi w’adwuma ne ɔdɔ a wodaa no adi wɔ ne din ho no.’ Yɛn nuanom, ‘mommpa abaw wɔ papayɛ ho’!—Heb. 6:10; Gal. 6:9.
Dɛn na ɛbɛboa mo ma moagyina ano? “Yɛn Awurade Yesu Kristo mu anidaso” na ɛbɛma moagyina sɛnea Tesalonikafo no gyinae no. Enti ɛfata sɛ akyiri yi Paulo de “nkwagye anidaso” no totoo dade kyɛw a ebetumi abɔ Kristofo ho ban afi nsusuwii bɔne ne adwenem naayɛ ho no ho.—1 Tes. 5:8.
Nokwasɛm ni, sɛ mokɔ so tɔ mo bo ase a, na morebua Satan wɔ amansan tumidi ho ɔsɛmpɔw no ho. Satan ka sɛ Onyankopɔn asomfo fi awo mu yɛ pɛsɛmenkominya, na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn akosi bere bi de, nanso sɛ wohyia sɔhwɛ a emu yɛ den wɔ wɔn som mu anaasɛ wiase yi kɔ so tra hɔ sen sɛnea wɔhwɛ kwan a, wɔn abam bebu. Woanya hokwan sɛ wobɛma obiara ahu sɛ Ɔbonsam yɛ ɔtorofo ankasa! Adekyee biara ma wuhu sɛ ɛrenkyɛ w’anidaso bɛbam.
Sɛnea Paulo ani gyei sɛ ɔbɛkamfo ne nuanom wɔ wɔn gyidi a emu yɛ den, mmɔden a wɔbɔe wɔ asɛnka adwuma no mu, ne wɔn boasetɔ ho no, ɛyɛ yɛn nso anigye sɛ yɛde saa hokwan yi bɛkamfo mo, na yɛakyerɛ sɛ yɛdɔ mo. Monkɔ so nyɛ adwuma pa a moreyɛ no!
Ɛmmra sɛ Onyankopɔn behyira adwuma a yɛbɛyɛ wɔ afe a ɛreba no mu so pii. Ensi mo nyinaa yiye.
Ɛyɛ mo nuanom,
Yehowa Adansefo Sodikuw