Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/08 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2008
Yɛn Ahenni Som—2008
km 6/08 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma June: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase. July ne August: Momfa nhomawa biara a ekura kratafa 32 a mowɔ bi mma. Ɛbɛyɛ papa sɛ asafo ahorow no yɛ nhyehyɛe de nhomawa biara a ɛfata a esum hɔ pii no ma. September: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden paa sɛ mubefi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu.

◼ Esiane sɛ dapɛn awiei anum na ɛwɔ August mu nti, ɛyɛ bere pa a yebetumi de ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no.

◼ Ɛsɛ sɛ obi a ɔhwɛfo guamtrani no apaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm ma March, April, ne May asram no mu. Sɛ wɔyɛ eyi wie a, mommɔ asafo no amanneɛ bere a moakenkan mo sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ awie no.—Hwɛ Instructions for Congregation Accounting (S-27).

◼ Yɛhyɛ nyansa sɛ, wɔmma Betel adwumayɛbea no nsa nka daa akwampaefo akwammisa nkrataa no anyɛ yiye koraa nnafua 30 ansa na bere a wɔpɛ sɛ wofi ase no adu. Ɛsɛ sɛ asafo mu ɔkyerɛwfo no hwehwɛ ne nyinaa mu hwɛ sɛ wɔahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ. Sɛ wɔn a wɔrebisa hokwan no ntumi nkae da pɔtẽẽ a wɔbɔɔ asu a, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn adwene bu da bi na wɔyɛ ho kyerɛwtohɔ. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no hyɛ saa da yi nsow na ɔkyerɛw gu Congregation’s Publisher Record (S-21) kratasin no so.

◼ Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow sɛ yɛrenkyekyɛ nsato krataa titiriw biara mfa mmɔ afe 2008 ɔmantam nhyiam no ho dawuru. Nanso ɛrenkyɛ, yɛbɛyɛ ɔsatu titiriw bi wɔ wiase nyinaa. Yɛde saa ɔsatu no ho nhyehyɛe nyinaa bɛbrɛ mo akyiri yi.

◼ Efi January 2008 mu na wɔayɛ Ɔwɛn-Aban ne Awake! wɔ Borɔfo ne kasa afoforo mu a wobetumi abɔ atie. Wobetumi anya eyi wɔ Intanɛt so wɔ www.pr2711.com. Nnipa pii ani gye ho sɛ wɔbɛtwe nsɛmma nhoma a wɔbɔ tie a ɛba ansa na asafo ahorow no nsa aka CD anaa MP3 no afi Intanɛt so. Bere biara a wɔbɛtwe afi Intanɛt so no, asafo ti no bɔ ho ka. Nanso, sɛ wɔde eyi toto CD anaa MP3 a wɔyɛ de mena no ho a, na eyi ho ka nnɔɔso pii. Ɛno nti, yɛhyɛ adawurubɔfo a wɔtwe nsɛmma nhoma a wɔbɔ tie fi Intanɛt so no nkuran sɛ wɔmma nsɛmma nhoma sohwɛfo no ntwa CD anaa MP3 a wɔkra no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena