Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/08 kr. 7
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu
  • Yɛn Ahenni Som—2008
Yɛn Ahenni Som—2008
km 10/08 kr. 7

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu

Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase October 27, 2008 no mu. Sukuu sohwɛfo no de simma 30 bɛyɛ ntĩmu a egyina September 1 kosi October 27, 2008 adapɛn no mu no so.

ƆKASA SU

1. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu nea enti a afoforo gye nneɛma bi di no? [be-TW kr. 259 nky. 2, 3]

2. Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa obi ma wayi afoforo ho adwemmɔne a ɔwɔ anaa ɔtan a ɛwɔ ne komam no afi hɔ? [be-TW kr. 260 nky. 2]

3. Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa yɛn Bible asuafo ma wɔahwehwɛ wɔn ankasa mu ahwɛ sɛ wɔne Yehowa ntam abusuabɔ renya nkɔso? [be-TW kr. 261 nky. 2]

4. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛka asɛm ma aka yɛn atiefo koma no? [be-TW kr. 262 nky. 4]

5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi bere so wɔ asafo nhyiam ahorow ase? [be-TW kr. 263 nky. 1, 3, adaka]

DWUMADI 1

6. Dɛn na ɛmaa Paulo kyerɛw ne krataa a edi kan no kɔmaa Korintofo no? [bsi08-1-TW, kr. 20 nky. 3]

7. Dɛn nti na Paulo kyerɛw ne krataa a ɛto so abien no kɔmaa Korintofo no? [bsi08-1-TW, kr. 22 nky. 1-2]

8. Ɛsɛ sɛ Kristofo bu ɔsom adwuma no dɛn? [bsi08-1-TW, kr. 23 nky. 18]

9. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no atumi anya Onyankopɔn anim dom, na yɛama yɛn nuanom ani agye te sɛ nea anuanom a na wɔwɔ Filipi no yɛe no? [bsi08-1-TW, kr. 29 nky. 12]

10. Nkɛntɛnso pa bɛn na Paulo ne wɔn a na wɔka no ho no nyae wɔ Tesalonika asafo no mufo so? [bsi08-2-TW, kr. 4 nky. 13]

DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN

11. Asɛm a ɛne “mode [ɔbɔnefo no] ahyɛ Satan nsa ama ɔhonam no asɛe, na wɔagye honhom no nkwa” no kyerɛ dɛn? (1 Kor. 5:5) [w08-TW 7/15 “Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa—Nkrataa a Wɔde Kɔmaa Korintofo no Mu Nsɛntitiriw”]

12. Bere a Paulo kae sɛ “bere biara” a mobɛkae Yesu wu no, ná bere biara no kyerɛ mpɛn ahe, na na wɔbɛkae ne wu no ‘akosi’ bere bɛn? (1 Kor. 11:26) [w08-TW 7/15 “Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa—Nkrataa a Wɔde Kɔmaa Korintofo no Mu Nsɛntitiriw”]

13. Anisoadehu bɛn na wɔka ho asɛm wɔ 2 Korintofo 12:2-4 no, na ɛda adi sɛ hena na onyaa saa anisoadehu no? [w04-TW 10/15 kr. 8 nky. 4; kr. 10 nky. 9]

14. Dɛn nti na Paulo de Mose Mmara no totoo “kwankyerɛfo a ɛkyerɛ kwan kɔ Kristo so” ho? (Gal. 3:24) [w08-TW 3/1 kr. 18-21]

15. Dɛn na na Paulo kyerɛ bere a ɔbɔɔ mpae sɛ “wɔnkora mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so” no? (1 Tes. 5:23) [w08-TW 9/15 “Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa—Nkrataa a Wɔde Kɔmaa Tesalonikafo ne Timoteo no Mu Nsɛntitiriw”]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena