Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase February 23, 2009 no mu. Sukuu sohwɛfo no de simma 20 bɛyɛ ntĩmu a egyina January 5 kosi February 23, 2009 so.
1. Sɛ na Onyankopɔn nyɛɛ akanea no kosi da a ɛto so anan no so a, ɛyɛɛ dɛn na otumi maa hann bae wɔ ɛda a edi kan no? (Gen. 1:3, 16) [w04-TW 1/1 kr. 28 nky. 5]
2. Dɛn na ka a Yehowa anka ankyerɛ Noa sɛ onni asase no so te sɛ nea na wadi kan aka akyerɛ Adam a na ɔyɛ pɛ no kyerɛ? (Gen. 9:1) [it-2-E kr. 1095 nky. 6]
3. Bere bɛn na Abraham Apam no fii ase yɛɛ adwuma, na ɛbɛyɛ adwuma akosi bere bɛn? (Gen. 12:1-4) [w04-TW 1/15 kr. 26 nky. 4; w01-TW 8/15 kr. 17 nky. 13]
4. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Nimrod ne wɔn a na wodi n’akyi no antumi ‘annye din’? (Gen. 11:4) [w98-TW 3/15 kr. 25]
5. Sɛ na Lot yɛ “ɔtreneeni” sɛnea wɔaka ne ho asɛm wɔ 2 Petro 2:7 no a, ɛnde ɛbɛyɛ sɛ dɛn nti na ɔkae sɛ ɔde ne mmabea bɛma basabasayɛfo a na wɔn bra asɛe no? (Gen. 19:8) [w05-TW 2/1 kr. 26 nky. 15-16; w04-TW 1/15 kr. 27 nky. 3]
6. Sɛ ɛsɛ sɛ okununom a wosuro Onyankopɔn hwɛ wɔn ankasa fiefo a, dɛn nti na Abraham pamoo Hagar ne Ismael kɔɔ sare so? (Gen. 21:10-21; 1 Tim. 5:8) [w88-E 2/15 kr. 31]
7. Dɛn na yebetumi asua afi mmɔden a Elieser bɔe sɛ ɔbɛyɛ nea Yehowa pɛ de ahwehwɛ ɔyere ama Isak no mu? (Gen. 24:14, 15, 17-19, 26, 27) [w97-TW 1/1 kr. 31 nky. 2]
8. Dɛn na ɔdae a Yakob soe a ohui sɛ abɔfo ‘redi antweri bi so aforosian’ no kyerɛ? (Gen. 28:10-13) [w03-TW 10/15 kr. 29 nky. 1; it-2-E kr. 189]
9. Dɛn nti na adesãa a na Rahel benya afi Lea babarima no hɔ no ho hia no saa? (Gen. 30:14, 15) [w04-TW 1/15 kr. 28 nky. 7]
10. Dɛn nti na nea Yakob yɛe no yɛ nhwɛso pa a yebetumi afa so asiesie yɛne afoforo ntam akasakasa? (Gen. 33:3, 4) [g82-E 2/22 kr. 19 nky. 8-10]