Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma February: Momfa nhoma a edidi so a mowɔ bi dedaw wɔ mo hɔ no mu bi mma. Is There a Creator Who Cares About You?, Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba, anaa The Bible—God’s Word or Man’s? March: Momfa Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no mma. Mommɔ mmɔden paa sɛ mubefi Bible adesua ase. April ne May: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma mma.
◼ Baguam ɔkasa titiriw a wɔbɛma no afe 2009, Nkaedi bere mu no asɛmti ne, “Ɔsom Bi Wɔ Hɔ a Onyankopɔn Gye Tom?” Hwɛ ɛho nkaebɔ wɔ September 2008 Yɛn Ahenni Som no mu.
◼ Yɛrekae asafo mu mpanyimfo sɛ wonsiesie wɔn ho yiye mma Nkaedi no. Nea ɛbɛboa ma wɔayɛ eyi no, yɛsrɛ sɛ wɔnsan nkenkan krataa a yɛkyerɛw no March 5, 2007 no, ne March 2004 Yɛn Ahenni Som, kratafa 3.
◼ Nsɛm a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu no yɛ ɔsom akontaabu a ɛma yehu adwuma a Yehowa Adansefo yɛe wɔ ɔsom afe a etwaam no mu. Yɛsrɛ sɛ fa sie na fa di dwuma wɔ afe no mu.