Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/09 kr. 8
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2009
Yɛn Ahenni Som—2009
km 6/09 kr. 8

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma June: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Sɛ afiewuranom wɔ nhoma yi bi dedaw a, adawurubɔfo betumi de nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii wɔ krataa a etumi dodow so anaa wotintimii ansa na afe 1992 reba a mowɔ bi no ama wɔn. July ne August: Nhomawa biara a ekura nkratafa 32 a mowɔ bi a mubetumi de adi dwuma. September: Momfa Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no mma.

◼ Bere biara a woreyɛ nhyehyɛe atu kwan akɔ ɔman bi a wɔmfaa wɔn din nkaa ɔsom afe akontaabu no ho anaa wɔn address nni Yearbook a aba foforo no akyi no, yɛsrɛ wo kyerɛw kɔ Betel adwumayɛbea a ɛwɔ wo man mu kobisa akwankyerɛ anaa nyansahyɛ biara a ebehia sɛ wuhu na wudi akyi. Ebia na wɔabara Ahenni adwuma no wɔ beae a ɛte saa, na wɔama wɔn anohyeto ahorow bi. (Mat. 10:16) Wɔ aman bi so no, ebia na ɛrenyɛ papa sɛ ahɔho bɛhwehwɛ Adansefo anaa asafo a ɛwɔ ɔman no so no. Wobetumi ama wo akwankyerɛ foforo biara a ɛfa bɔnnɔ so adansedi anaa nhoma a wubekura ho. Sɛ wudi akwankyerɛ yi akyi a, ebetumi aboa ma woakwati ɔhaw, na asɛm biara nso amma Ahenni adwuma no ho.—1 Kor. 14:33, 40.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena