Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma July ne August: Nhomawa biara a ekura nkratafa 32 a mowɔ bi. September: Momfa Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no mma. Baabi a ebetumi ayɛ yiye sɛ adawurubɔfo de nhoma yi befi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan mu no, wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ saa. Ma wɔnyɛ Bible adesua ho ɔyɛkyerɛ tiawa mfa nkyerɛ sɛnea afiewuranom betumi anya so mfaso. October: Momfa Watchtower ne Awake! mma.
◼ Ɛsɛ sɛ mokan nhoma ne nsɛmma nhoma a mowɔ nyinaa no dodow wɔ August 31, 2009 mu, anaa bere a aka kakraa bi ma saa da no adu no. Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw dodow a aka nyinaa hyɛ Literature Inventory (S-18) kratasin no so. Mubetumi ahu nsɛmma nhoma dodow a mowɔ no afi asafo biara nsɛmma nhoma sohwɛfo hɔ. Ɛsɛ sɛ asafo a ɛhwɛ nhomakra so no kyerɛwfo hwɛ nhomakan yi so. Ɔkyerɛwfo no ne asafo a ɛhwɛ nhomakra so no mpanyimfo ntam nkitahodifo no de wɔn nsa bɛhyɛ kratasin no ase. Yɛsrɛ sɛ momfa biako mmena Betel adwumayɛbea ansa na September 6 atwam. Momfa biako nto mo nneɛma mu.
◼ Esiane sɛ dapɛn awiei anum na ɛwɔ August mu nti, ɛyɛ bere pa a yebetumi de ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no.