Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/09 kr. 5
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
  • Yɛn Ahenni Som—2009
Yɛn Ahenni Som—2009
km 8/09 kr. 5

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu

Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase August 31, 2009 mu. Sukuu sohwɛfo no de simma 20 bɛyɛ ntĩmu a egyina nneɛma a yɛasusuw ho wɔ July 6 kosi August 31, 2009 adapɛn no mu no so.

1. Dɛn nti na na wobu obiara a ‘ɔdome’ n’awofo no kumfɔ? (Lev. 20:9) [w04-TW 5/15 kr. 24 nky. 6]

2. Esiane sɛ na ɛyɛ ahyɛde sɛ Israelfo mmarima nyinaa kɔ Paanoo a Mmɔkaw Nnim Afahyɛ no ase nti, hena na na okotwa atoko aba a edi kan a wɔde bɔ afɔre no? (Lev. 23:5, 11) [w07-TW 7/15 kr. 26 nky. 3]

3. Dɛn na na Ahofadi afe no yɛ ho mfonini? (Lev. 25:10, 11) [w04-TW 7/15 kr. 26-27]

4. So na wɔde “ahyɛnsode” a wɔaka ho asɛm wɔ Numeri 2:2 no yɛ ɔsom mu guasodeyɛ bi wɔ Israel? [w02-TW 9/15 kr. 21 nky. 4]

5. Su a Nasirifo a na wɔwɔ tete Israel no daa no adi bɛn na bere nyinaa asɛmpakafo nso da no adi nnɛ? (Num. 6:3, 5, 6) [w04-TW 8/1 kr. 24-25]

6. Ná ɛwɔ mmara no mu sɛ sɛ Lewifo no nyin du baabi a, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ adwuma bio. Ɛnnɛ nso, ɛfa Yehowa asomfo ho dɛn? (Num. 8:25, 26) [w04-TW 8/1 kr. 25 nky. 1]

7. Ɔkwan bɛn so na Israelfo no nyaa ‘akɔnnɔ a ɛmfata,’ na dɛn na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ sua fi mu? (Num. 11:4) [w01-TW 6/15 kr. 14-15; w95-TW 3/1 kr. 15 nky. 10]

8. Dɛn nti na Miriam nkutoo na kwata yɛɛ no, na ade titiriw bɛn na yesua fi eyi mu? (Num. 12:9-11) [w04-TW 8/1 kr. 26 nky. 2; it-2-E kr. 415 nky. 1]

9. Bere a Yosua ne Kaleb kae sɛ Kanaanfo yɛ “koko” no, dɛn na na wɔrepɛ akyerɛ? (Num. 14:9) [w06-TW 10/1 kr. 16 nky. 5; it-1-E kr. 363-364]

10. Kɔkɔbɔ bɛn na Numeri 21:5 de ma yɛn? [w99-TW 8/15 kr. 26-27]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena