Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma November: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn anaa Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No. January: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? February: Sɛ mowɔ nhoma a edidi so yi bi a, mubetumi de ama: Is There a Creator Who Cares About You?, Nea Ɛde Abusua mu Anigye Ba, anaa The Bible—God’s Word or Man’s?
◼ Yɛrekae anuanom a wɔbɛkɔ nhyiam wɔ Accra ne Kumasi stadium no nyinaa sɛ wɔmfa akatawia anaa kyɛw mmra na owia anhyew wɔn. Afei nso wɔnkae sɛ kwan nni nkongua no ase a wobetumi de nneɛma ahyehyɛ hɔ. Ɛno nti ɛrenyɛ papa sɛ anuanom de nneɛma akɛse a wɔde nnuan ne nsu gu mu bɛba beae a wɔbɛtena no.