Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma February: Sɛ mowɔ nhoma a edidi so yi bi a, mubetumi de ama: Is There a Creator Who Cares About You?, Nea Ɛde Abusua mu Anigye Ba, anaa The Bible—God’s Word or Man’s? March: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase. April ne May: Momfa Watchtower ne Awake! nsɛmma nhoma mma.
◼ Efi March 1, 2010 dapɛn no mu no, yebesua “Bra Bedi M’akyi” nhoma no wɔ Asafo Bible Adesua ase. Yɛde nhoma yi dodow a ɛfata bɛbrɛ asafo biara. Sɛ muhia nhoma yi wɔ kasa foforo mu, na sɛ morekra nhoma a, mubetumi de aka ho.