Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma March: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase. April ne May: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma mma. June: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
◼ Sɛ mo nsa ka Watchtower ne Awake! nsɛmma nhoma a aba foforo no a, ɛsɛ sɛ mokyekyɛ ma adawurubɔfo no ntɛm ara. Eyi bɛma wɔahu emu nsɛm no yiye ansa na wɔde ama wɔ asɛnka mu. Wɔhyɛ mpanyimfo nkuran sɛ wɔnhwɛ sɛ asafo no nsa bɛka nsɛmma nhoma a ɛdɔɔso de akɔ asɛnka.
◼ Yɛbɛyɛ afe yi Nkaedi no Benada, March 30, 2010. Nnwom a wɔbɛto wɔ Nkaedi no ase ne 8 ne 109 wɔ nnwom nhoma foforo no mu. Sɛ Benada na moyɛ asafo nhyiam a, ɛsɛ sɛ mobɔ mmɔden de hyɛ da foforo wɔ dapɛn no mu. Mmeae a asafo dodow bi hyiam wɔ Ahenni Asa biako so no, sɛ morennya da foforo mfa nhyɛ a, ɛnde mubetumi atwa nhyiam no mu. Sɛ ɛba saa a, mubetumi de Ɔsom Nhyiam no afã a ɛfa mo asafo no ho ahyɛ Ɔsom Nhyiam foforo mu.
◼ Wɔn a wɔde Watchtower Library—Twi de no di dwuma no nhyɛ no nsow: Nea ɛbɛyɛ na wɔabɔ ‘ɛ’ ne ‘ɔ’ wɔ keyboard no so bere a wɔabue Watchtower Library no mu ne ɔkwan a wɔbɛfa so asesa nneɛma bi wɔ kɔmputa no so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ ‘ɛ’ ne ‘ɔ’ a ɛwɔ dwumadi no mu pɛpɛɛpɛ no, yɛsrɛ sɛ monkenkan Readme file a ɛwɔ CD-ROM so no. Yɛhyɛ obiara nkuran sɛ, ansa na ɔde Watchtower Library no begu kɔmputa so no, onnye bere nkenkan Readme file no yiye, titiriw nea ɛfa asɛm a yɛaka wɔ atifi hɔ ho no.