Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/10 kr. 2-3
  • Dɛn na Afoforo Betumi Ahwɛ Wo Asua?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Afoforo Betumi Ahwɛ Wo Asua?
  • Yɛn Ahenni Som—2010
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Woreyɛ Wo Som Adwuma No Pɛpɛɛpɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Munni Yesu Nhwɛso Akyi
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Tete Adawurubɔfo Foforo
    Yɛn Ahenni Som—2015
  • Yɛmmɔ Mmɔden sɛ Yɛbɛyɛ Pii wɔ Yɛn Som Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2010
km 4/10 kr. 2-3

Dɛn na Afoforo Betumi Ahwɛ Wo Asua?

1. Dɛn na asuafo no hwɛ suae wɔ Yesu ho?

1 Yesu kae sɛ: “Momfa me kɔndua nto mo ho so na munsua me.” (Mat. 11:29) Ɛda adi sɛ, ɛnyɛ ne nsɛm nkutoo so na ɔnam kyerɛkyerɛe na mmom ɔde nhwɛso pa nso yɛɛ saa. Susuw nea asuafo no suae wɔ Yesu ho hwɛ. Ná odwo, ɔwɔ ayamye ne ɔdɔ. (Mat. 8:1-3; Mar. 6:30-34) Ná ɔwɔ ahobrɛase ankasa. (Yoh. 13:2-5) Bere a asuafo no ne Yesu boom yɛɛ ɔsom adwuma no, wohui sɛ ɔyɛ odwumayɛni a ɔmmrɛ na otu mpɔn wɔ nokware a ɔkyerɛkyerɛ afoforo no mu. (Luka 8:1; 21:37, 38) Sɛ afoforo hu yɛn wɔ asɛnka mu a, ɛka wɔn dɛn?

2. Ɔkwan bɛn so na yɛn ahosiesie ne yɛn nhwɛso pa wɔ asɛnka mu ka afiewuranom?

2 Afiewuranom: Yɛn ahosiesie a ɛfata, yɛn suban pa, ne koma mu a yefi kyerɛ afoforo ho anigye no betumi anya afiewuranom so nkɛntɛnso kɛse. (2 Kor. 6:3; Filip. 1:27) Wohu sɛ yɛtaa de Bible no di dwuma. Sɛ yefi obu mu tie wɔn bere a wɔrekasa a, wɔn ani gye. Momma ɛntena yɛn adwene mu sɛ nhwɛso pa a yɛbɛyɛ wɔ nneɛma ahorow yi mu no betumi atwetwe afoforo aba Ahenni asɛm no ho.

3. Nkɛntɛnso pa bɛn na yebetumi anya wɔ yɛn nuanom so?

3 Yɛn Nuanom: Afei nso, susuw nkɛntɛnso pa a yebetumi anya wɔ yɛn nuanom so no ho hwɛ. Afoforo betumi asuasua nsi a yɛde ka asɛm no. Sɛnea dade sew dade ano no, yɛn nsɛm a yɛasiesie no yiye no betumi ahyɛ afoforo nkuran ma wɔanya nkɔso wɔ wɔn nkyerɛkyerɛ mu. (Mmeb. 27:17) Wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye ho kyerɛwtohɔ pa a yɛyɛ na yɛsan kɔsra wɔn ntɛm ara no hyɛ afoforo nkuran ma wɔyɛ saa ara. Sɛ yɛyɛ yɛn som adwuma no pɛpɛɛpɛ a, yebenya yɛn nuanom so nkɛntɛnso pa.—2 Tim. 4:5.

4. Dɛn nti na bere ne bere mu no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn nneyɛe ne yɛn kasa mu nhwehwɛmu?

4 Dɛn nti na bere ne bere mu no, yɛnhwehwɛ yɛn ho mu nhwɛ sɛnea yɛn nneyɛe ne yɛn kasa ka afoforo? Yɛn nhwɛso pa bɛsɔ Yehowa ani na ama yɛatumi aka asɛm a ɔsomafo Paulo kae yi bi: “Munsuasua me sɛnea me nso misuasua Kristo no.”—1 Kor. 11:1.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena