Ɔsom Adwuma Nkɔso
Yɛn ani gyei sɛ December mu no, yenyaa nkɔanim a ɛsen biara a edi kan wɔ ɔsom afe yi mu. Adawurubɔfo 98,639 a wobuu akontaa wɔ saa ɔsram no mu no maa nsɛmma nhoma 793,180. Ɛhyɛ nkuran sɛ adawurubɔfo pii retoto wɔn nneɛma yiye na ama wɔatumi de wɔn ho ahyɛ daa akwampae adwuma no mu. Afei nso, yɛkamfo daa akwampaefo 6,482 a wobuu akontaa saa ɔsram no mu no. Eyinom nyinaa yɛ nkɔanim foforo.