Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/10 kr. 3
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
  • Yɛn Ahenni Som—2010
Yɛn Ahenni Som—2010
km 10/10 kr. 3

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu

Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase October 25, 2010 mu. Sukuu sohwɛfo no de simma 20 bɛyɛ ntĩmu a egyina nneɛma a yɛasusuw ho wɔ September 6 kosi October 25, 2010 adapɛn no mu no so.

1. Sɛ yɛhwehwɛ Ɔhene Asaria (Usia) asetenam nsɛm mu a, asuade bɛn na yenya fi mu? (2 Ah. 15:1-6) [w91-E 7/15 kr. 29-30]

2. Sɛ Yuda hene Yotam dii ade mfe 16 pɛ a, dɛn nti na 2 Ahene 15:30 ka n’ahenni “afe a ɛto so aduonu” ho asɛm? (2 Be. 27:7, 8) [it-2-E kr. 119 nky. 5]

3. Henanom ne “Samariafo” a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ 2 Ahene 17:29 no? [it-2-E kr. 847 nky. 7]

4. Dɛn nti na wɔka Yehowa ho asɛm sɛ ‘ɔrehyehyɛ’ anaa ɔrenwene n’atirimpɔw no? (2 Ahe. 19:25) [w99 8/15 kr. 14 nky. 3]

5. Ɔkwan bɛn so na 2 Ahene 25:8, 25, 26 kyerɛkyerɛ mu ma yehu bere pɔtee a nkɔmhyɛ a ɛka sɛ Yerusalem bɛyɛ amanfo mfirihyia aduɔson no fii ase? [it-1-E kr. 415 nky. 6–kr. 416 nky. 1-2; kr. 463 nky. 4]

6. Dɛn nti na 1 Samuel 16:10, 11 ka sɛ Dawid ne Yese ba a ɔto so awotwe bere a Esra nso ka sɛ ɔto so ason? (1 Be. 2:15) [w02 9/15 kr. 31]

7. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua tete Gileadfo nhwɛso no? (1 Be. 5:10, 18-22) [w05 10/1 kr. 9 nky. 7]

8. Dɛn na yesua fi Lewifo apon ano ahwɛfo no hɔ? (1 Be. 9:26, 27) [w05 10/1 kr. 9 nky. 8]

9. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na nnwonto ho hia paa wɔ tete Israel? (1 Be. 9:33) [it-2-E kr. 452 nky. 9]

10. Mfomso bɛn na ɛwɔ nea Dawid yɛe a wɔaka ho asɛm wɔ 1 Beresosɛm 13:11 mu no ho? [w05 10/1 kr. 11]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena