Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma October: Watchtower ne Awake! nsɛmma nhoma. Baabi a wɔbɛkyerɛ ho anigye no, momfa So Wopɛ sɛ Wuhu Nokware No? kratawa no mma wɔn, na mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase. November: The Bible—What Is Its Message? December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Sɛ mmofra wɔ fie hɔ a, momfa Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No nhoma no mma. January: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
◼ Yɛde anigye rebɔ mo amanneɛ sɛ, efi January 2011 mu no, yebenya Ɔwɛn-Aban wɔ Nzema kasa mu. Adesua nsɛm no nyinaa bɛbam na wɔde nsɛm afoforo nso bɛka ho. Yɛhyɛ wɔn a wɔwɔ asafo ahorow a wɔka Nzema kasa mu no nyinaa nkuran sɛ wɔmfa Ɔwɛn-Aban yi nni dwuma yiye sɛnea ɛbɛyɛ a obiara benya adesua no so mfaso kɛse. Wobetumi de Ɔwɛn-Aban yi nso ama wɔ asɛnka mu.