Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/11 kr. 1
  • Adwuma a Ɛma Anigye Sen Biara

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adwuma a Ɛma Anigye Sen Biara
  • Yɛn Ahenni Som—2011
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wubetumi Aboa Nkurɔfo Ama Wɔabɛyɛ Asuafo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Bible Asuafo Ama Wɔanya Nkɔso Abɔ Asu—Ɔfa a Ɛto So Mmienu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Momma Yennya Anigye Wɔ Asuafoyɛ Adwuma No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Ɔfa 1—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ
    Yɛn Ahenni Som—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2011
km 1/11 kr. 1

Adwuma a Ɛma Anigye Sen Biara

1. Honhom fam ayaresa adwuma bɛn na ɛrekɔ so wɔ yɛn bere yi mu?

1 Anigye kɛse hyɛɛ wɔn a wohuu honam fam ayaresa a ɛkɔɔ so wɔ afeha a edi kan no mu no koma ma. (Luka 5:24-26) Yɛn bere yi mu nso, yɛn ani gye honhom fam ayaresa a ɛrekɔ so no ho. (Adi. 22:1, 2, 17) Sɛ yɛkenkan osuahu ahorow na yehu sɛnea Yehowa Asɛm ne ne honhom kronkron ama nkurɔfo asakra wɔn asetena no a, ɛma yɛn ani gye! Nanso, nea ɛma yɛn ani gye boro so ne yɛn ho a yɛde hyɛ adwuma yi mu na yɛyɛ Bible adesua a etu mpɔn no.

2. Sɛ yɛkyerɛkyerɛ obi ma obehu nokware no a, anigye bɛn na yebetumi anya?

2 Dɛn ne Onyankopɔn din? Dɛn nti na ɔma amanehunu ho kwan? Dɛn na Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ ama adesamma? Sɛ yɛma nsɛmmisa a ɛtete saa ho mmuae na yehu sɛnea osuani no ani agye nokware a ɔresua no ho a, ɛma yenya akomatɔyam kɛse. (Mmeb. 15:23; Luka 24:32) Bere a osuani no renya nkɔanim no, ebia obefi ase abɔ Yehowa din, wasesa n’ahosiesie ne ne ntadehyɛ, atwe ne ho afi nneyɛe bɔne ho, na wafi ase adi afoforo adanse. Sɛ ɔbɔ mmɔden hyira ne ho so na ɔbɔ asu a, ɔbɛba abɛyɛ yɛn nua ne yɛn yɔnko dwumayɛni. Nsakrae pa yi mu biara ma yɛn ani gye.—1 Tes. 2:19, 20.

3. Ɔkwampa bɛn na yebetumi afa so afi Bible adesua ase?

3 So Wubetumi Ayɛ Bi? Sɛ wopɛ sɛ woyɛ adwuma a ɛyɛ anigye yi bi a, srɛ Yehowa ma ɔmmoa wo mma wuntumi nyɛ Bible adesua no bi, na afei yɛ w’adesrɛ no ho adwuma. (1 Yoh. 5:14) Ka asɛm no wɔ baabi a wubenya nnipa ne bere a wubenya wɔn. Fa hokwan biara a wubenya no ka Bible adesua ho asɛm. (Ɔsɛnk. 11:6) Sɛ wunya obi a n’ani gye asɛm no ho na wudua nokware aba no a, san kogugu so nsu.—1 Kor. 3:6-9.

4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde ntɛmpɛ yɛ Bible adesua?

4 Nnipa pii da so ara wɔ hɔ a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn. Hena na ɔne wɔn besua Bible no ma wɔanya wɔn honhom fam ahiade? (Mat. 5:3, 6) Momma yemfi yɛn koma nyinaa mu mmoa ma wonwie asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no ansa na otwa adwuma no aba n’awiei.—Yes. 6:8.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena