Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/11 kr. 5-6
  • Krataa a Efi Sodikuw no Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Krataa a Efi Sodikuw no Hɔ
  • Yɛn Ahenni Som—2011
Yɛn Ahenni Som—2011
km 3/11 kr. 5-6

Krataa a Efi Sodikuw no Hɔ

Yɛn Mfɛfo Adansefo a Yɛne Mo Som Yehowa:

Hwɛ ahurusi a yɛredi ne anigye ara a yɛwɔ wɔ mmere a ɛte sɛɛ mu! Nokwarem no, yɛn ani agye sɛ yɛne mo anuanom mmarima ne mmea a yɛdɔ mo abom de “mmati koro” redi yɛn soro Agya Yehowa no ho adanse kɛse sen bere biara a atwam.—Sef. 3:9; Yoh. 14:12.

Anigye a yɛde resom Yehowa no nkyerɛ sɛ yenni nsɛnnennen. Ɔsom afe a etwaam no, esiane asasewosow, nsuyiri, mframa gyampanturudu ne atoyerɛnkyɛm afoforo a ani yɛ nyan a esisii nti, mo mu binom kɔɔ ahokyere mu. (Mat. 24:7) Amanehunu a nyarewa ne mpanyinyɛ de ba no haw anuanom pii da biara da. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa gyina “awoko yaw” a emu reyɛ den no ano. (Mat. 24:8) Wɔ aman bi te sɛ Armenia, Eritrea, ne South Korea no, wɔde anuanom pii agu afiase esiane wɔn gyidi nti.—Mat. 24:9.

Nsɛnnennen yi nyinaa akyi no, dɛn na aboa yɛn ma yɛakɔ so anya adwempa? Afe 2010 afe asɛm no kae yɛn ade titiriw biako: ‘Ɔdɔ gyina biribiara ano. Ɔdɔ to ntwa da.’ (1 Kor. 13:7, 8) Nokwarem no ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho ne ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no hyɛ yɛn den ma yetumi gyina tebea a ɛtete saa no ano.

Sɛnea yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no yɛ nnipa pii a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo no nwonwa. Ɛwom sɛ wɔne yɛn nyɛ adwene wɔ yɛn gyidi ne yɛn nkyerɛkyerɛ ho de, nanso aka wɔn mu binom ma wɔaka sɛ “Adwuma a moreyɛ yi de yɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ!” Dɛn paa na ɛboa Yehowa Adansefo ma wɔkɔ so ka asɛm no da biara da? Ɛyɛ ɔdɔ. Te sɛ yɛn soro agya no, yɛmpɛ sɛ wɔbɛsɛe afoforo. (2 Pet. 3:9) Ɔpɛ a yɛwɔ sɛ nnipa nyinaa nya adwensakra no da adi wɔ adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara 7,508,050 a wobuu akontaa wɔ ɔsom afe a etwaam no mu. Nyamesom ahyehyɛde bɛn na emu nnipa pii fi ɔdɔ mu atu wɔn ho ama reka asɛmpa no?

Yɛn ani gye sɛ Yesaia nkɔmhyɛ a edi so yi gu so renya mmamu: “Nna a edi akyiri no mu no, Yehowa fie bepɔw betim hɔ wɔ mmepɔw atifi, na wɔbɛma so asen nkoko nyinaa, na aman nyinaa bɛsen yuu akɔ hɔ.” (Yes. 2:2-4) Nnipa 294,368 a wɔbɔɔ asu wɔ ɔsom afe a etwaam no ka wɔn a wɔresen yuu aba Yehowa fie no ho. Yɛma nnipa a wɔsom bo yi nyinaa akwaaba ba Yehowa ahyehyɛde no mu. Momma yɛn Kristofo dɔ nkanyan yɛn na yɛnkɔ so nko ntia Satan Ɔbonsam.—1 Pet. 5:8, 9.

Nnipa dodow a ɛsen biara 18,706,895 a wɔbaa Nkaedi no wɔ Benada, March 30, 2010 mu no ma yehu sɛ nnipa ɔpepem pii da so ara wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn ma wɔbɛka yɛn ho ma yɛsom Yehowa. Hwɛ anigye ara a yebetumi anya sɛ Yehowa mfaa nneɛma nhyehyɛe bɔne yi maa n’awiei! Nanso saa bere yi de, ɔdɔ na ɛboa yɛn ma yɛkɔ so gyina tebea bɔne no ano.—2 Tes. 3:5.

Ɔmantam Nhyiam a wɔyɛɛ emu dodow no ara wɔ afe 2010 mu wɔ wiase nyinaa a n’asɛmti ne “Kɔ So Bata Yehowa Ho!” no hyɛɛ yɛne yɛn soro Agya Yehowa abusuabɔ mu den. Hwɛ sɛnea odwontofo no asɛm yi yɛ nokware: “Anigye ne nnipa a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa!” (Dw. 144:15) Ɛmfa ho nea ɛbɛba daakye biara no, yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa ka yɛn ho ma enti yensuro hwee. (Dw. 23:4) Ɛrenkyɛ, Yehowa nam ne Ba no so “bɛsɛe Ɔbonsam nnwuma.” (1 Yoh. 3:8) Nokwasɛm ne sɛ, yɛrehwɛ saa da no kwan denneennen! Nanso, ansa na saa da no bɛba no, yɛwɔ nnwuma pii a ɛsɛ sɛ yɛyɛ.—1 Kor. 15:58.

Munnya awerɛhyem sɛ ‘yennyaee’ mo din bɔ da wɔ yɛn mpaebɔ mu. (Rom. 1:9) Ɛno nti, “momfa mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu, bere a motwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborɔhunu a ɛkɔ daa nkwa mu no.”—Yuda 21.

Yɛdɔ mo nyinaa!

Mo nuanom,

Yehowa Adansefo Sodikuw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena