Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma April: Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma. Sɛ moresan akɔsra anigyefo ne wɔn a wɔbaa Nkaedi anaa asafo no dwumadi foforo ase nanso wɔne yɛn mmɔ kɛse no a, mommɔ mmɔden sɛ mode Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no bɛma wɔn. Momfa nyɛ mo botae sɛ mode befi Bible adesua ase. May: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma mma. Mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no ara mu. June: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? July: Nhomawa biara a ekura nkratafa 32 a mo asafo no wɔ bi gu hɔ.
◼ Efi May mu no, ɛsɛ sɛ asafo ahorow nyinaa de Memeneda a edi kan wɔ ɔsram biara mu no yɛ wɔn botae sɛ wɔde bɛka Bible adesua ho asɛm. Wɔayɛ “Sua Biribi Fi Onyankopɔn Asɛm Mu” a ɛba Borɔfo Ɔwɛn-Aban mu ɔsram biara ne Twi de no a ɛba asram abiɛsa biara mu no sɛ ɛmmoa adawurubɔfo mma wɔnyɛ saa. Wɔ Yɛn Ahenni Som biara akyi no, wɔbɛkyerɛ ɔkwan a yɛbɛfa so de ɔsram a edi hɔ de ama. Afei, wɔde sɛnea yɛde befi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ ɔsram biara mu no ho nyansahyɛ nso bɛma.