“Nnɔnhwerew Ahe na Ɛsɛ sɛ Mibu Ho Akontaa?”
Woabisa wo ho saa asɛm yi pɛn? Ɛho akwankyerɛ pii wɔ Nhyehyɛe nhoma no kratafa 86-87. Ɛwom ara a, wɔde eyi ho akwankyerɛ ma, te sɛ nea ɛwɔ Asɛmmisa Afã a ɛwɔ September 2008 Yɛn Ahenni Som mu no. Esiane sɛ tebea no gu ahorow nti, yɛnhyɛɛ ho mmara katee biara. Ɛno nti, ɛrenyɛ papa sɛ asafo mu mpanyimfo anaa afoforo de akwankyerɛ foforo bi bɛma.
Sɛ ɛho asɛm bi sɔre na yenni ho akwankyerɛ pɔtee bi wɔ yɛn nhoma ahorow mu a, ɔdawurubɔfo biara betumi abisa ne ho sɛ: Mede bere no yɛɛ asɛnka adwuma? Anaasɛ mede bere no yɛɛ biribi foforo a na ɛmfa asɛnka adwuma no ho? Ɛsɛ sɛ nea yɛkyerɛw wɔ yɛn asɛnka akontaabu krataa no so no ma yɛn ani gye na mmom ɛnsɛ sɛ ɛma yɛn ahonim haw yɛn. (Aso. 23:1) Nokwarem no, ɛnyɛ bere a yebebu ho akontaa no na ehia titiriw, na mmom nea ehia ne nsi a yɛde yɛ asɛnka adwuma no.—Heb. 6:11.